< اَلْجَامِعَةِ 8 >

مَنْ كَٱلْحَكِيمِ؟ وَمَنْ يَفْهَمُ تَفْسِيرَ أَمْرٍ؟ حِكْمَةُ ٱلْإِنْسَانِ تُنِيرُ وَجْهَهُ، وَصَلَابَةُ وَجْهِهِ تَتَغَيَّرُ. ١ 1
Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ? Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ? Nimdeɛ te nnipa anim na ɛbrɛ ne denyɛ ase.
أَنَا أَقُولُ: ٱحْفَظْ أَمْرَ ٱلْمَلِكِ، وَذَاكَ بِسَبَبِ يَمِينِ ٱللهِ. ٢ 2
Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim.
لَا تَعْجَلْ إِلَى ٱلذَّهَابِ مِنْ وَجْهِهِ. لَا تَقِفْ فِي أَمْرٍ شَاقٍّ، لِأَنَّهُ يَفْعَلُ كُلَّ مَا شَاءَ. ٣ 3
Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara.
حَيْثُ تَكُونُ كَلِمَةُ ٱلْمَلِكِ فَهُنَاكَ سُلْطَانٌ. وَمَنْ يَقُولُ لَهُ: «مَاذَا تَفْعَلُ؟». ٤ 4
Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”
حَافِظُ ٱلْوَصِيَّةِ لَا يَشْعُرُ بِأَمْرٍ شَاقٍّ، وَقَلْبُ ٱلْحَكِيمِ يَعْرِفُ ٱلْوَقْتَ وَٱلْحُكْمَ. ٥ 5
Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan.
لِأَنَّ لِكُلِّ أَمْرٍ وَقْتًا وَحُكْمًا. لِأَنَّ شَرَّ ٱلْإِنْسَانِ عَظِيمٌ عَلَيْهِ، ٦ 6
Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.
لِأَنَّهُ لَا يَعْلَمُ مَا سَيَكُونُ. لِأَنَّهُ مَنْ يُخْبِرُهُ كَيْفَ يَكُونُ؟ ٧ 7
Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba?
لَيْسَ لِإِنْسَانٍ سُلْطَانٌ عَلَى ٱلرُّوحِ لِيُمْسِكَ ٱلرُّوحَ، وَلَا سُلْطَانٌ عَلَى يَوْمِ ٱلْمَوْتِ، وَلَا تَخْلِيَةٌ فِي ٱلْحَرْبِ، وَلَا يُنَجِّي ٱلشَّرُّ أَصْحَابَهُ. ٨ 8
Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no, saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm.
كُلُّ هَذَا رَأَيْتُهُ إِذْ وَجَّهْتُ قَلْبِي لِكُلِّ عَمَلٍ عُمِلَ تَحْتَ ٱلشَّمْسِ، وَقْتَمَا يَتَسَلَّطُ إِنْسَانٌ عَلَى إِنْسَانٍ لِضَرَرِ نَفْسِهِ. ٩ 9
Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no.
وَهَكَذَا رَأَيْتُ أَشْرَارًا يُدْفَنُونَ وَضُمُّوا، وَٱلَّذِينَ عَمِلُوا بِٱلْحَقِّ ذَهَبُوا مِنْ مَكَانِ ٱلْقُدْسِ وَنُسُوا فِي ٱلْمَدِينَةِ. هَذَا أَيْضًا بَاطِلٌ. ١٠ 10
Bio, mehunuu sɛ wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
لِأَنَّ ٱلْقَضَاءَ عَلَى ٱلْعَمَلِ ٱلرَّدِيءِ لَا يُجْرَى سَرِيعًا، فَلِذَلِكَ قَدِ ٱمْتَلَأَ قَلْبُ بَنِي ٱلْبَشَرِ فِيهِمْ لِفَعْلِ ٱلشَّرِّ. ١١ 11
Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde yɛ bɔne ho.
اَلْخَاطِئُ وَإِنْ عَمِلَ شَرًّا مِئَةَ مَرَّةٍ وَطَالَتْ أَيَّامُهُ، إِلَّا أَنِّي أَعْلَمُ أَنَّهُ يَكُونُ خَيْرٌ لِلْمُتَّقِينَ ٱللهَ ٱلَّذِينَ يَخَافُونَ قُدَّامَهُ. ١٢ 12
Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no.
وَلَا يَكُونُ خَيْرٌ لِلشِّرِّيرِ، وَكَٱلظِّلِّ لَا يُطِيلُ أَيَّامَهُ لِأَنَّهُ لَا يَخْشَى قُدَّامَ ٱللهِ. ١٣ 13
Nanso ɛsiane sɛ amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sɛ sunsumma.
يُوجَدُ بَاطِلٌ يُجْرَى عَلَى ٱلْأَرْضِ: أَنْ يُوجَدَ صِدِّيقُونَ يُصِيبُهُمْ مِثْلَ عَمَلِ ٱلْأَشْرَارِ، وَيُوجَدُ أَشْرَارٌ يُصِيبُهُمْ مِثْلَ عَمَلِ ٱلصِّدِّيقِينَ. فَقُلْتُ: إِنَّ هَذَا أَيْضًا بَاطِلٌ. ١٤ 14
Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi wɔ asase so, ɛne sɛ, ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ.
فَمَدَحْتُ ٱلْفَرَحَ، لِأَنَّهُ لَيْسَ لِلْإِنْسَانِ خَيْرٌ تَحْتَ ٱلشَّمْسِ، إِلَّا أَنْ يَأْكُلَ وَيَشْرَبَ وَيَفْرَحَ، وَهَذَا يَبْقَى لَهُ فِي تَعَبِهِ مُدَّةَ أَيَّامِ حَيَاتِهِ ٱلَّتِي يُعْطِيهِ ٱللهُ إِيَّاهَا تَحْتَ ٱلشَّمْسِ. ١٥ 15
Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.
لَمَّا وَجَّهْتُ قَلْبِي لِأَعْرِفَ ٱلْحِكْمَةَ، وَأَنْظُرَ ٱلْعَمَلَ ٱلَّذِي عُمِلَ عَلَى ٱلْأَرْضِ، وَأَنَّهُ نَهَارًا وَلَيْلًا لَا يَرَى ٱلنَّوْمَ بِعَيْنَيْهِ، ١٦ 16
Ɛberɛ a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no,
رَأَيْتُ كُلَّ عَمَلِ ٱللهِ أَنَّ ٱلْإِنْسَانَ لَا يَسْتَطِيعُ أَنْ يَجِدَ ٱلْعَمَلَ ٱلَّذِي عُمِلَ تَحْتَ ٱلشَّمْسِ. مَهْمَا تَعِبَ ٱلْإِنْسَانُ فِي ٱلطَّلَبِ فَلَا يَجِدُهُ، وَٱلْحَكِيمُ أَيْضًا، وَإِنْ قَالَ بِمَعْرِفَتِهِ، لَا يَقْدِرُ أَنْ يَجِدَهُ. ١٧ 17
mehunuu deɛ Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte deɛ ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhunu asekyerɛ da. Sɛ mpo onyansafoɔ bi ka sɛ ɔnim a, ɔrentumi nte aseɛ yie da.

< اَلْجَامِعَةِ 8 >