< Uruyan Yuhana 22 +

1 Gono ka dura Kutelle dursoi kurawa nmen nlai, mmene kanang nofo crystal, mi wa din chum ici ti lisosin Kutelle nin Gono me
Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kurunnyenn sɛ ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua so,
2 nya kitik nlayi kipine, nya ko kome kurawe kuchan nlai wa yisinku, nin kumay ngangang udu likure nin na ba, anin macha kumal me ko uyemme upui. Afa na che anin nare ba shizinu nin ko mome nmin.
na ɛsen fa kurow no tempɔn kɛse no mfimfini. Nkwa dua si asu no fa biara a afe biara ɛsow aba ahorow dumien wɔ ɔsram biara. Wɔde so ahaban no sa aman ahorow no yare.
3 Na iba se umon usunun nnuu ba, kiti lisosin Kutelle nin Gono me ba yi tu nya kipine, achin me ba su ngne kataa.
Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua wɔ kurow no mu na nʼasomfo bɛsom no.
4 Iba yenu umuro me, lisa me ba yitu niting mine.
Wobehu nʼanim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so.
5 Kitik ba yi tu ba, na iba yitu nin su mmou kanang pitilaba sa uwwui bar ugo Kutelle nkanang mere ba yi tu na ti mine, iba so lisosin sa ligang. (aiōn g165)
Ade rensa wɔ hɔ bio, na akanea anaa hann ho nhia, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa. (aiōn g165)
6 kadure wurei, to tigbulan ngne tin chiu kibineiyari tutung kiden nere, Chiki lare, Kutelle, nfunu uchine na nan kadura me, wa tuu unan kadura me adursu a chin me ile imon na iba dak na piit ba.
Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo no somaa ne bɔfo se ɔmmɛkyerɛ nʼasomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.”
7 Yene! Nnan na daa nene! Unan mmariari ule na awufu ligbulan lo na ana kadure na belin nya tagarde.
Yesu kae se, “Muntie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wotie adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no!”
8 Meng, Yohanna, mere na lanza idursai ile imone, ku bi ko na nwa lanza nyene, nno-o kutin nbun na bunu nnan kadure nzazin ngne, unan kadure na awa dursai ileli imone.
Me Yohane, mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa no nan ase pɛɛ sɛ mesom no.
9 Aworei, “Na uwa su nani ba! Men wang udo lichinnari fo fewe, udu nin na lee na inun chifuno ulirume na ina yer tin nya tagarda me. Zazina Kutelle!”
Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te sɛ wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”
10 Aworei yenje, “Uwa yachu tipinpin na nan kadure nyan takarda ulele, ku be ndaa susut.
Na ɔka kyerɛɛ me se, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no so, efisɛ bere no abɛn.
11 Ule na adi nin dinong, na ali ubun nin dinonong me, ule na adi alau, na ali ubun nin su ni le imon na idi lau. ule na adi lau, na ali ubun nin lau me.
Obiara a ɔyɛ bɔne no nkɔ so nyɛ bɔne, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”
12 Yene nnan na daa susut. Ulada ningne di nin mi, nni ko ngna ku chot nin nile imon na ana su.
Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua sɛ mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te.
13 Mere Alfe mere Omega, Uchizinu nin ligang, Mere infinu me mere umalzinu.
Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyikafo, Mfiase ne Awiei.
14 Anan mmariari ale na ikusu alutuk mine bar iba kubi ili kumat kuchan lai inin piru nya kipin kane nibulun kining.
“Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntade ma efi, na wɔn na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi nkwa dua no aba na wɔfa kurow no pon no mu.
15 Ndasse ni nau wari, anan niyiu, anan kapul ndinong, anan molsu na nit, anan chil, nin le na adi ninsu nsu kinuu.
Na Kurow no akyi na akraman ne asumanfo ne nguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro no nyinaa wɔ.
16 Me, Yisa, nna tuu unan kadura nin adurso minu ile imene bara atii alau. Mere liling ngne nin kuwunun Dauda, fiyini fi kanan nkwi din ding.”
“Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”
17 Ufunu ulau we nin gankishono nworo, “Daa!” Na ale ilanza woro, “Daa!” Ule na adi nin suu we, na ase mmen nlai ye sa ubiu.
Honhom no ne ayeforo no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, ‘Bra!’ Na nea osukɔm de no no mmra, na nea ɔpɛ no nso, ommegye nkwa nsu no kwa.”
18 Ndursu vat nle na alanza tigbulan: Na nan nkpinaku, Kutelle ba kpin ngne ku aluba ale na iyertine nya ntagarda ulele.
Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kɔkɔ se: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nhoma yi mu no ho.
19 Wassa umen chaana tigbulan na nan kadura nyan ntakarda ulele, Kutelle ba kaluulada me nya kuchan lai nin nya kipin kilau, ile na ina yertin nyan takardaa ulele.
Na sɛ obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya wɔ nkwa dua no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi mu no.
20 Ule na udurso ile imone a woro, “E-eh! Ndin chinu nene.” Uso nani! Daa, Cikilari Yisa!
Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se, “Yiw! Mereba ntɛm!” Amen. Bra, Awurade Yesu!
21 Na nshew nCikilari Yisa so nin ko ngna mine. Uso nani.
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefo nyinaa. Amen.

< Uruyan Yuhana 22 +