< 2 Ukorintiyawa 7 >

1 Anan sunin, bara na tidinin nale alkawali nati kusu ati bite nanya nimung ile na mati nari ndinong nanya nidowo nin fi, tipezeru nlau nin feu Kutell.
Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti momma yɛntew yɛn ho mfi biribiara a egu ɔhonam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase wɔ Onyankopɔn mu mfa ntew yɛn ho kronkron.
2 nari kutii na ti nati umong imemon inanzan ba sa tina nyofilo umong sa tina kata likara mon
Mummue mo koma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yensisii obiara na yetwaa obiara dwow nso.
3 Na ina beling minu nani inti minu ncaa nkul ba bara na ina malu benlin minu idi nibinai bite tiku ligowe ti se ulai ligowe tutung.
Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛnea madi kan aka no, yɛdɔ mo nti daa sɛ yewu o, yɛte ase o, yɛbata mo ho.
4 nin nayi akone kan kiti min, indin foo figiri nin yunn, inkulau nin nayyi ashe.
Migye mo di nti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa abaw ɛ. Mede ahosɛpɛw retu mmirika no.
5 wadak Umakadoni, nidowa bite wa se ushinu b, nin nani tiwa se uni buri li dina va, ufizu nayi ndas nin feu bite.
Mpo yeduu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw abunkam hɔnom, akasakasa wɔ wɔn ntam na ehu ahyɛ yɛn so.
6 nani Kutelle, ame ule na adin nukizu nibinai na le na nibinai mine nkete.
Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa abaw den no nam Tito ba a ɔbae no so hyɛɛ yɛn den.
7 Na nin dak mere cas b, tutung baramsheu nayi ana se kiti mine na awa beling nari libusine min, mine nkune kune nin cancam ndamuwa minwa mine nime in wa su ayi aboo kang.
Ɛnyɛ ne ba a ɔbae no nko, na mmom ka a ɔbɛkaa se mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛnea mopɛ sɛ muhu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛnea mudii yaw ne sɛnea na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no; enti mprempren, ama mʼani agye sen kan no.
8 Sa andi iyer nighe na tiniminu seng nibinaiye, na inwa kpilia kibinae kidun ba kodashike mua kpilia na unwa yene iyert nige nata nibinaeye mine seng bara n nin kubi baat.
Sɛ me krataa a mekyerɛw mo no hyɛɛ mo awerɛhow a, ɛnyɛ me yaw sɛ mekyerɛwee. Mfiase no ɛhaw me nanso mprempren de, ɛnhaw me. Minim sɛ krataa no mu nsɛm how mo werɛ bere tiaa bi.
9 In din lanzun mang nin nen, na bara i wa parda minu b, bara na ayi asirne mine nati inani na dak nin foo nacara ina use nimong bara arik ba.
Nanso mprempren de, mʼani agye; ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ howee no nti, na mmom sɛ mo awerɛhow no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ howee enti yɛn de, yɛanhaw mo.
10 nani ayiasirne Kutelle na daminu ni foo nacara na unada pirin tucu sa ugitirnu ayiasirne yii na daknnin kull.
Awerɛhow a Onyankopɔn de baa mo so no nti, moanya ahonu bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagye mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo yaw. Nanso awerɛhow a wiase de brɛ yɛn no de, ɛde owu na ɛba.
11 Yene imonile na uti kibinai kidiya kuu Kutelle nayiasirne na na nutun nanya mine ute kibinai kidege nanya mine man duro usali kulapi min, uyapina upunu kibinay, fiya pin fe, uyapin nari usaman, uyapin ushuu liti nin yapin usu nyenu isere kidegene see! nanya nimong vat idinin su iduro atimine ana sali kulapi nanya nle ulire
Monhwɛ nea Onyankopɔn nam how a ɔmaa mo werɛ how no so ayɛ. Mopɛ sɛ mufi mo koma mu kyerɛ sɛ munni fɔ. Mo bo afuw. Mo ho adwiriw mo. Mo ho pere mo pɛ sɛ muhu sɛ atɛntrenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ mudi bem wɔ asɛm yi ho.
12 Nin nanin ina yertin uldu kiti min, na ina yertin bara anan Kulapi b, sa bara ule na idin niu nin kulape ba bara na ushoo kibinai mine narik nan nutuno kidawo udu kiti mine nanya nizi Kutell.
Ɛwɔ mu sɛ mekyerɛw saa krataa no de, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne nti na mekyerɛwee. Na mmom sɛnea mo ankasa mubehu ɔkwan a moafa so atu mo ho asi hɔ ama yɛn wɔ Onyankopɔn anim no.
13 Nanya nilele ita nari ayiakone nanyan kpinu inshau nibinai bit, tilanza mang, tutung bara Titus na infep me wase upenun funu bara anun vat.
Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuran a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mugyee no maa nʼani gyee no so maa yɛn nso yɛn ani gyei.
14 Bara andi iname reu figiri ninghe bara anun, na awa tiyi incin b, nafo na tiwa beling minu imong vat kidegen, nanere ufoo figiri nin Titus wa da da so kidegen nanere ufoo
Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me nhuammɔ. Daa yɛka nokware kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu.
15 Nin mmang libiya me inyinu na ukarn, nafo na ana lizin mishau nati mine vat nafo na iwa serughe nin ketizu.
Enti sɛ ɔkae sɛnea mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ osetie ma no na mode obu ne nidi gyee no fɛw so no a, ɛhyɛ ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den.
16 Mang na lanza mmang bara na indinin na na in dinin nanya ku ne inyinu
Ɛyɛ me anigye sɛ metumi de me ho nyinaa ato mo so.

< 2 Ukorintiyawa 7 >