< 1 Utasalonika 2 >

1 Anun atimine yiru linuana na tiwa diranimon suari, tidaa kitimine ba.
Anuanom, mo ankasa monim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa.
2 Arike wa neou ti so non nchin in Philippi, nafo na iyiru arik wa yinin nin Kutelle bit tibelin minu kadura kamang Kutelle nyan salin mmang.
Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no.
3 Bara akara bite na uta nuari ba, na ndino gnari ba na kinu ari ba.
Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfiri adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, deɛ yɛkaeɛ no yɛ nokorɛ turodoo.
4 Arik nao na Kutelle yinna nin gnirik nin kadura ka mang na nenere ti din belu, na bara anit ba, bara Kutelle, naadin yenju nibinai yenju ni binai bite.
Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, ɛfiri sɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ.
5 Bara na tina belu agbulang kinu ba, nafo naiyiru, na bara ti bolu imon na amon ba, Ci Kutelle ari unan ba.
Monim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibereɛ so. Onyankopɔn ne yɛn adanseɛ.
6 Na tiwa piziru uzazunu kiti nanit ba sa kitimine, sa kiti na mong kubu kona tiwa yichu atibite anan kataah Kristi.
Sɛ moyɛ Kristo asomafoɔ no enti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ animuonyam firi mo nkyɛn, nanso yɛmmisaa animuonyam mfirii mo anaasɛ onipa foforɔ bi nkyɛn.
7 Nnane tiwa toltin atibite nafo na una asa anodizino nibinain nono me.
Na yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te ɔdwoɔ so, sɛdeɛ ɔbaatan korɔkorɔ ne mma.
8 Nani tiwa dursuzominu usuu, nin liburi liboo tiniminu kadura ka manggne umunu tilau bite, bara na ina so imon ichne kitibite.
Yɛhwɛɛ mo yie, nyaa mo ho anigyeɛ sononko, mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo ɛberɛ a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no.
9 Bara na ina lizinn linwana kataah nin neiu bite. Tiwa su kataah kitik ninliyarin bara tiwa so kutura udu umon min, nafo na tiwa sun minu uwa azi mang kadura Kutelle.
Anuanom, menim sɛ mokae adwuma a yɛyɛeɛ ne brɛ a yɛbrɛeɛ. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛdeɛ Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so.
10 Anung anan ba, a Kutelle wan, nafo nyan lau nin salindinno tiwa su kataah udu kitimine na yinin.
Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn adansefoɔ. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mogyee Asɛmpa no diiɛ no yɛ kronn a ɛyɛ na mfomsoɔ biara nni ho.
11 Nafo na iyiru uchif nin nono me, tiwa niminu akara tinin kuru tibelle.
Mo ara monim sɛ yɛne mo tenaa sɛdeɛ agya ne nʼankasa mma tena.
12 Iba chinu liau Kutelle, na adin yichu minu udu kilari nin zazinu me.
Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyeree mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɛkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼAhennie ne nʼanimuonyam mu no so.
13 Bara nene tidin godu Kutelle kokishi, kubi kooh na iwa seru kitibite ligbulang kadura, ligbulang Kutelle, na iwa serunafo ligbulang nntari ba, kidene, ligbulang Kutelle, na lidi kataah nya mine na iyinna.
Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara sɛ, ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.
14 Bara anung linwana ina so nafo anan na tii alau Kutelle na adi Yahudiya nyan Kristi Yesu bara anun ina neou na nit mine nafo na inun wa neou na charannono Israila.
Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfoɔ no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfoɔ taa mo no, saa ara na Yudafoɔ no nso taa asafo no.
15 Alengena iwa molu chilari yesu ku nin nanan kadura me-eh, inin ko-oh nari, tutung alengena ipooh Kutelle liburi ba. Idinin liburi lisirneudu na nit vat.
Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara.
16 Ina wantin nari tibelin anan nyan nsirti bara inan se utuchu Yesu nyan tazunu mine. Tinna nayi Kutelle ntolo nari udu ligang.
Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsi yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufoɔ no nkwagyeɛ nkyerɛ wɔn. Yei ma wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuo wɔ wɔn so.
17 Arik, linwana w kosu nri nya kubiri ku bene, nyan yenju nya nibinai tiwa tezunu tiyene timuro mine.
Me nnamfonom, ɛberɛ tiawa bi mu no, yɛantumi amma mo nkyɛn, nanso ɛberɛ biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yɛhunu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛhyia mo ankasa.
18 Bara iwa dinin suu ti dak kitimine, meng Shawulu ndin ntenzunu, shaitan amini wantin nari.
Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn. Me Paulo deɛ, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkorɔ nanso ɔbonsam sii yɛn ho ɛkwan.
19 Bara iyangari likara mine nbun saliburi lio-oh. Sa likarin zazunu imong irumere nafo na among-ubung. Nchikilari Yesu asa ba se-eh
Nanso, ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidasoɔ ne yɛn ahosɛpɛ. Na sɛ yɛbɛtumi ahoahoa yɛn ho nkonimdie mu wɔ Awurade Yesu anim wɔ ne ba no mu a, ɛgyina mo so.
20 Anun ghereh uzazunu nin mang bit.
Nokorɛm, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛ gyina mo so.

< 1 Utasalonika 2 >