< 2 e Korintasve 3 >

1 A fillojmë përsëri të rekomandojmë veten tonë? Apo mos kemi nevojë, si disa, për letra rekomandimi për ju ose për rekomandime nga ana juaj?
Yei kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Anaasɛ yɛhia adansedie nkrataa a ɛfiri yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛdeɛ afoforɔ hia no anaa?
2 Ju jeni letra jonë, e shkruar në zemrat tona, e njohur dhe e lexuar nga të gjithë njerëzit,
Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn akoma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu na wakan.
3 duke qenë manifestuar se jeni një letër e Krishtit, e hartuar me anë të shërbesës sonë, dhe e shkruar jo me bojë, por me Frymën e Perëndisë së gjallë, dhe jo mbi rrasa guri, por mbi rrasa të një zemre mishi.
Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so atwerɛ. Ɛnyɛ twerɛduro na wɔde twerɛɛ no ɛboɔ ɛpono so, na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde twerɛ guu nnipa akoma mu.
4 Dhe këtë besim ne e kemi në Perëndinë me anë të Krishtit;
Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam.
5 jo se jemi të aftë prej vetiu të kuptojmë ndonjë gjë sikur vjen nga vetja jonë, por aftësia jonë vjen nga Perëndia,
Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn.
6 i cili na bëri të aftë të jemi shërbëtorë të besëlidhjes së re, jo të shkronjës, por të Frymës, sepse shkronja vret, por Fryma jep jetë.
Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa.
7 Dhe, në qoftë se shërbimi i vdekjes, që ishte gdhendur me shkronja mbi gurë, qe i lavdishëm aq sa bijtë e Izraelit nuk mund të vështronin me sy fytyrën e Moisiut, për shkak të lavdisë së pamjes së tij, që duhet të anullohej,
Mmara a ɛde owuo baeɛ no, na wɔatwerɛ no ɛboɔ ɛpono so, nanso animuonyam a na ɛkura no enti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose animuonyam hyerɛneeɛ nanso saa animuonyam no dumiiɛ.
8 sa më i lavdishëm do të jetë shërbimi i Frymës?
Enti, apam a Honhom no de ba no, ɛrennya animuonyam mmorosoɔ anaa?
9 Sepse, nëse shërbimi i dënimit qe rrethuar me lavdi, shumë më tepër do të teprojë në lavdi shërbimi i drejtësisë.
Sɛ mmara a ɛde owuo ba no wɔ animuonyam a, ɛnneɛ deɛ ɛma yɛtene Onyankopɔn anim no rennya animuonyam a ɛboro so?
10 Sepse ç’ka është lavdëruar nuk është lavdëruar nga kjo pikëpamje, për shkak të asaj lavdie që e kapërcen çdo masë.
Nokorɛm, Apam Foforɔ no animuonyam mmorosoɔ enti, mmara a ɛde owuo ba no animuonyam ayera.
11 Sepse, në qoftë se ajo që duhet të anullohej u rrethua me lavdi, ajo që mbetet do të jetë shumë më e lavdishme.
Na sɛ na animuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛre mu a, animuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya.
12 Duke pasur, pra, një shpresë të tillë, flasim me shumë guxim,
Esiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi enti, yɛwɔ akokoɔduru.
13 dhe jo si Moisiu, i cili vinte një vel mbi fytyrën e vet, që bijtë e Izraelit të mos vështronin me sy fundin e asaj që duhej të anullohej.
Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa nʼanim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no renhunu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no.
14 Por mendjet e tyre u errën; sepse, në leximin e besëlidhjes së vjetër, po ky vel mbetet pa u hequr, sepse veli anullohet në Krishtin.
Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di.
15 Por deri më sot, kur lexohet Moisiu, një vel mbetet mbi zemrat e tyre.
Ɛbɛsi ɛnnɛ, ɛberɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so.
16 Por kur Izraeli të kthehet te Zoti, veli do të hiqet.
Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ.
17 Sepse Zoti është Fryma, dhe atje ku është Fryma e Zotit, atje është liria.
Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahotɔ wɔ hɔ.
18 Dhe ne të gjithë, duke soditur fytyrëzbuluar lavdinë e Zotit si në pasqyrë, transformohemi në të njëjtën shëmbëllim nga lavdia në lavdi, posi prej Frymës së Zotit.
Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu.

< 2 e Korintasve 3 >