< 1 Pjetrit 3 >

1 Gjithashtu dhe ju, gra, nënshtrojuni burrave tuaj, që, edhe nëse disa nuk i binden fjalës, të fitohen pa fjalë, nga sjellja e grave të tyre,
Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,
2 kur të shohin sjelljen tuaj të dlirë dhe me frikë.
efisɛ wobehu obu ne nidi a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu.
3 Stolia juaj të mos jetë e jashtme: gërshëtimi i flokëve, stolisja me ar ose veshja me rroba të bukura,
Mommfa nneɛma foforo bi nkeka mo ho mma mo ho nyɛ fɛ; sɛ ɛyɛ ɔkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinne a mode siesie mo ho, anaa ntama a mufura.
4 por njeriu i fshehur i zemrës, me pastërtinë që nuk prishet të një shpirti të butë dhe të qetë, që ka vlerë të madhe përpara Perëndisë.
Momfa odwo ne ahobrɛase nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ komamtew no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛ na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
5 Sepse kështu stoliseshin dikur gratë e shenjta që shpresonin në Perëndinë, duke iu nënshtruar burrave të tyre,
Saa ɔkwan yi so na mmea agyidifo a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ.
6 ashtu si Sara, që i bindej Abrahamit duke e quajtur “zot”; bija të saj ju jeni, në qoftë se bëni mirë dhe nuk trembeni nga ndonjë frikë.
Sara yɛɛ saa ara. Otiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Mprempren sɛ moyɛ papa na munsuro hwee a moyɛ ne mmabea.
7 Ju burra, gjithashtu, jetoni me gratë tuaja me urtësi, duke e çmuar gruan si një enë më delikate dhe e nderoni sepse janë bashkëtrashëgimtare me ju të hirit të jetës, që të mos pengohen lutjet tuaja.
Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu sɛ wɔne mo yɛ adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ ho kwan.
8 Dhe më në fund jini të gjithë të një mendjeje, të dhembshur, plot dashuri vëllazërore, të mëshirshëm dhe dashamirës,
Nea etwa to, mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase.
9 pa e kthyer të keqen me të keqe ose fyerjen me fyerje, po, përkundrazi, bekoni, duke e ditur se për këtë u thirrët, që të trashëgoni bekimin.
Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyaw nso ntua ɔyaw so ka. Na mmom, daa munhyirahyira, efisɛ ɛno nti na wɔfrɛɛ mo, na moanya nhyira.
10 Sepse “kush don ta dojë jetën dhe të shohë ditë të mira, le ta ruajë gojën e tij nga e keqja dhe buzët e tij nga të folurit me mashtrim;
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiye na ohu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.
11 të largohet nga e keqja dhe të bëjë të mirën, të kërkojë paqen dhe të ndjekë atë,
Ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa na ɔhwehwɛ asomdwoe na odi akyi.
12 sepse sytë e Zotit janë mbi të drejtët dhe veshët e tij janë në lutjen e tyre; por fytyra e Zotit është kundër atyre që bëjnë të keqen”.
Efisɛ Awurade ani wɔ atreneefo so na otie wɔn mpaebɔ na otia wɔn a wɔyɛ bɔne.”
13 Dhe kush do t’ju bëjë keq, në qoftë se ju ndiqni të mirën?
Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo?
14 Por, edhe sikur të vuani për drejtësinë, lum ju! “Pra, mos kini asnjë druajtje prej tyre dhe mos u shqetësoni”,
Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, wʼani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nhaw mo.
15 madje shenjtëroni Zotin Perëndinë në zemrat tuaja dhe jini gjithnjë gati për t’u përgjigjur në mbrojtjen tuaj kujtdo që ju kërkon shpjegime për shpresën që është në ju, por me butësi e me druajtje,
Momfa nidi mma Kristo wɔ mo koma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Bere biara a obi bebisa mo gyidi a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no ase.
16 duke pasur ndërgjegje të mirë, që, kur t’ju padisin si keqbërës, të turpërohen ata që shpifin për sjelljen tuaj të mirë në Krishtin.
Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea wɔn a wɔka kasa bɔne fa mo suban pa wɔ Kristo mu no ho no anim begu ase wɔ wɔn nseku no ho.
17 Sepse është më mirë, nëse është i tillë vullneti i Perëndisë, të vuani duke bërë mirë, se sa duke bërë keq,
Efisɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mubehu amane a, eye sɛ mubehu ade trenee a moyɛe ho amane sen sɛ mobɛyɛ bɔne.
18 sepse edhe Krishti ka vuajtur një herë për mëkatet, i drejti për të padrejtët, për të na çuar te Perëndia. U vra në mish, por u ngjall nga Fryma,
Efisɛ Kristo no ankasa wu maa mo. Owui pɛnkoro maa mo bɔne sɛnea ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, nanso ɔsɔree wɔ honhom mu,
19 me anë të së cilës ai shkoi t’u predikojë frymërave që ishin në burg,
na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no.
20 që dikur ishin rebelë, kur durimi i Perëndisë i priste në ditët e Noeut, ndërsa po ndërtohej arka, në të cilën, pak vetë, gjithsejt tetë, shpëtuan nëpërmjet ujit,
Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn bere a Noa resen ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa,
21 i cili është shëmbëllesa e pagëzimit (jo heqja e ndyrësisë së mishit, po kërkesa e një ndërgjegjeje të mirë te Perëndia), që tani na shpëton edhe ne me anë të ringjalljes së Jezu Krishtit,
na saa nsu yi yɛ asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa.
22 i cili shkoi në qiell dhe është në të djathtën e Perëndisë ku i janë nënshtruar engjëj, pushtete dhe fuqie.
Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo ne wim atumfo nyinaa so hene.

< 1 Pjetrit 3 >

A Dove is Sent Forth from the Ark
A Dove is Sent Forth from the Ark