< До римлян 2 >

1 Ось тому без виправдання ти, кожний чоловіче, що судиш, бо в чо́му осуджуєш іншого, сам себе осуджуєш, бо чиниш те саме й ти, що судиш.
Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi.
2 А ми знаємо, що суд Божий поправді на тих, хто чинить таке.
Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no.
3 Чи ти ду́маєш, чоловіче, судячи тих, хто чинить таке, а сам робиш таке саме, — що ти втечеш від суду Божого?
Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa?
4 Або пого́рджуєш багатством Його до́брости, ла́гідности та довготерпіння, не знаючи, що Божа до́брість провадить тебе до покая́ння?
Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho?
5 Та через жорстокість свою й нерозкаяність серця збираєш собі гнів на день гніву та об'я́влення справедливого суду Бога,
Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no.
6 що „кожному віддасть за його вчинками“:
Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya.
7 тим, хто витривалістю в добрім ділі шукає слави, і чести, і нетління, — життя вічне, (aiōnios g166)
Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
8 а сварливим та тим, хто противиться правді, але кориться неправді, — лютість та гнів.
Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so.
9 Недоля та у́тиск на всяку душу людини, хто чинить зле, юдея ж перше та ге́ллена,
Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho.
10 а слава, і честь, і мир усякому, хто чинить добре, юдеєві ж перше та ге́лленові.
Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn.
11 Бо не дивиться Бог на обличчя!
Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmuo mu.
12 Котрі бо згрішили без Зако́ну, без Зако́ну й загинуть, а котрі згрішили в Зако́ні, при́ймуть суд за Зако́ном.
Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn.
13 Бо не слухачі Зако́ну справедливі перед Богом, але виконавці Закону ви́правдані бу́дуть.
Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem.
14 Бо коли погани, що не мають Зако́ну, з природи чинять зако́нне, вони, не мавши Зако́ну, самі собі Зако́н,
Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn.
15 що виявляють ді́ло Зако́ну, написане в серця́х своїх, як свідчить їм сумлі́ння та їхні думки́, що то осуджують, то виправдують одна о́дну,
Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ sɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ.
16 дня, коли Бог, згідно з моїм благові́стям, буде судити таємні речі людей через Ісуса Христа.
Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.
17 Ось ти звешся юдеєм, і спираєшся на Зако́на, і хвалишся Богом,
Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi.
18 і знаєш волю Його, і розумієш, що́ краще, навчившись із Зако́ну,
Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ.
19 і маєш певність, що ти провідни́к для сліпих, світло для тих, хто знахо́диться в те́мряві,
Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu.
20 вихо́вник нерозумним, учитель дітям, що ти маєш зразок знання́ й правди в Зако́ні.
Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no.
21 Отож, ти, що іншого навчаєш, себе самого не вчиш! Проповідуєш не кра́сти, а сам кра́деш!
Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa?
22 Наказуючи не чинити пере́любу, чиниш пере́люб! Гиду́ючи і́долами, чиниш святокрадство!
Mo a moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka sɛ mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno wɔ asɔrefie mu anaa?
23 Ти, що хва́лишся Зако́ном, зневажаєш Бога пере́ступом Зако́ну!
Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia.
24 Бо „через вас зневажається Боже Ймення в поган“, як написано.
Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn.
25 Обрі́зання кори́сне, коли виконуєш Зако́на; а коли ти пересту́пник Зако́ну, то обрі́зання твоє стало необрі́занням.
Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam.
26 Отож, коли необрізаний зберігає постанови Зако́ну, то чи не порахується його необрізання за обрізання?
Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa?
27 І необрізаний з природи, виконуючи Зако́на, чи не осудить тебе, переступника Закону з Писа́нням і обрі́занням?
Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no.
28 Бо не той юдей, що є ним назовні, і не то обрізання, що назовні на тілі,
Wo a wɔwoo mo sɛ Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann.
29 але той, що є юдей потаємно, духо́во, і обрі́зання — серця духом, а не за буквою; і йому похвала́ не від людей, а від Бога.
Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no wɔ nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa yɛ akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa hɔ, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn hɔ.

< До римлян 2 >