< До євреїв 6 >

1 Тому́ полиші́мо поча́тки науки Христа, та й звернімося до досконалости, і не кладімо зно́ву засади покая́ння від мертвих учинків та про віру в Бога,
Momma yɛnnyae Kristosom ahyɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nnhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɛeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidie.
2 Науки про хрищення, про поклада́ння рук, про воскресі́ння мертвих та вічний суд. (aiōnios g166)
Ɛho nhia bio nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔreɛ ne daa atemmuo ho nsɛm. (aiōnios g166)
3 Зробимо й це, коли Бог дозволить.
Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma ɛkwan a, saa ara na yɛbɛyɛ.
4 Не можна бо тих, що раз просвітились були, і скуштували небесного да́ру, і стали уча́сниками Духа Святого,
Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsane de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛdeɛ hwɛeɛ na wɔnyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu.
5 і скуштували доброго Божого Слова та сили майбу́тнього віку, (aiōn g165)
Wɔfiri osuahunu mu ahunu sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ, na wɔahunu ewiase a ɛreba no mu tumi. (aiōn g165)
6 та й відпали, знов відновляти покая́нням, коли вдруге вони розпинають у собі Сина Божого та зневажають.
Nanso, ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsane aba bio sɛ wɔmmɛnu wɔn ho, ɛfiri sɛ, wɔresane abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ.
7 Бо земля, що п'є дощ, який падає часто на неї, і родить рослини, добрі для тих, хто їх і виро́щує, — вона благословення від Бога приймає.
Onyankopɔn hyira asase a ɛnonom nsuo a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifideɛ yɛ yie ma wɔn a wɔn enti wɔduaeɛ no.
8 Але та, що приносить те́рня й будя́ччя, — непотрібна вона та близька́ до прокля́ття, а кінець її — спа́лення.
Na sɛ nkasɛɛ ne wura hunu fifiri so a, ɛnyɛ mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.
9 Та ми сподіва́ємось, любі, кращого про вас, що спасі́ння тримаєтеся, хоч говоримо й так.
Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yɛnim pefee sɛ ade pa bi a nkwagyeɛ bata ho bɛfiri mo mu aba.
10 Та не є Бог несправедливий, щоб забути ді́ло ваше та працю любови, яку показали в Ім'я́ Його ви, що святим послужили та служите.
Onyankopɔn nnyɛ deɛ ɔntene. Ne werɛ remfiri adwuma a moyɛeɛ anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfoɔ Akristofoɔ na mogu so de boa wɔn no.
11 Ми ж бажаємо, щоб кожен із вас виявляв таку саму завзятість на певність надії аж до кінця,
Deɛ yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka adeɛ a mo ani da so no.
12 щоб ви не розлінились, але переймали від тих, хто обі́тниці вспадко́вує вірою та терпеливістю.
Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhunu mo sɛ agyidifoɔ a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.
13 Бо Бог, обі́тницю давши Авраамові, як не міг ніким вищим покля́стися, поклявся Сам Собою,
Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no enti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no.
14 говорячи: „Поблагословити — Я ко́нче тебе поблагословлю́, та розмножити — розмножу тебе!“
Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.”
15 І, терплячи довго отак, Авраа́м оде́ржав обі́тницю.
Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ.
16 Бо люди клянуться вищим, і клятва на стве́рдження кінчає всяку їхню суперечку.
Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam.
17 Тому й Бог, хотівши перева́жно показати спадкоє́мцям обі́тниці незмінність волі Своєї, учинив те при помочі клятви,
Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa nʼatirimsɛm, enti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den.
18 щоб у двох тих незмінних реча́х, що в них не можна сказати неправди Богові, мали потіху міцну ми, хто прибіг прийняти надію, що лежить перед нами,
Saa nneɛma mmienu yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atorɔ. Enti, yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkura yɛn anidasoɔ no mu den.
19 що вони для душі як котви́ця, міцна та безпечна, що аж до сере́дини входить за заслону,
Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Ɛtim hɔ, na ɛma yɛhyɛne tra ntwamutam no mu kɔsi Kronkron mu Kronkron hɔ.
20 куди, як предте́ча, за нас увійшов був Ісус, ставши навіки Первосвящеником за чином Мелхиседе́ковим. (aiōn g165)
Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn ɛkan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanin afebɔɔ sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no. (aiōn g165)

< До євреїв 6 >