< Sakaria 14 >

1 Awurade ɛda bi reba a, wɔbɛkyɛ mo afodeɛ wɔ mo mu.
A day is coming for the Lord, when your plundered possessions will be divided while you watch.
2 Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wɔbɛwia afie mu nneɛma, na wɔato mmaa no monnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkaeɛfoɔ no bɛka kuropɔn no mu.
And all the nations will gather to Jerusalem, to fight against it. The city will be taken and the houses plundered and the women raped. Half of the city will go into captivity, and the rest of the people left in the ruins.
3 Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛdeɛ ɔko ɔko da no.
Then the Lord will go forth and fight against these nations, as once he fought in the day of battle.
4 Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam.
On that day his feet will stand on the Mount of Olives, (which is opposite Jerusalem, on the east). The Mount of Olives will be split into halves, from east to west, by an exceedingly great valley; and half of the mountain will slide northwards and half southwards.
5 Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel. Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, Awurade, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho.
You will escape through my valley – the valley between the hills will extend as far as Azel, and you will flee as you fled from before the earthquake, in the days of Uzziah king of Judah. But the Lord your God will come, and all the holy ones with him.
6 Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma.
And in that day, there will be no heat nor cold nor frost,
7 Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ.
but it will be constant day – it is known to the Lord – with neither day nor night. Even at evening time there will be light.
8 Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu.
And on that day living waters will flow from Jerusalem, half of them to the eastern sea and half of them to the western sea; in both summer and winter.
9 Awurade bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.
The Lord will be king over all the earth. On that day the Lord will be one, and his name one.
10 Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho.
The land will be changed to plain, from Geba to Rimmon, south of Jerusalem, but Jerusalem will be high and inhabited as it stands, from the Benjamin Gate up to the place of the first gate, and from the Tower of Hananel to the Corner Gate, and as far as the king’s winepresses.
11 Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem bɛnya asomdwoeɛ.
Jerusalem will be inhabited, for never again will it be doomed to destruction, and its people will abide in security.
12 Yei ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔ ɛberɛ a wɔgyina wɔn nan so. Wɔn anikosua bɛporɔ wɔ wɔn ntokuro mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anomu.
This is the plague with which the Lord will strike all the peoples who array themselves against Jerusalem: he will make their flesh rot while they stand on their feet, and their eyes will rot in their sockets, and their tongues will rot in their mouth.
13 Saa ɛda no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wɔbɛtwa wɔn ho ako.
On that day a great panic sent by the Lord will fall on them. Everyone will seize their neighbours and attack them.
14 Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyadeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne aduradeɛ bebree.
Even Judah will fight at Jerusalem, and the wealth of the surrounding nations will be gathered up – gold and silver and piles of clothing.
15 Saa ɔyaredɔm korɔ yi ara bɛka apɔnkɔ, mfunumpɔnkɔ, nyoma, mfunumu ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfoɔ nsraban mu nyinaa.
Plague will fall upon the horses, mules, camels, and asses, and on all the animals in all those camps.
16 Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no.
All who are left of all the nations which fought against Jerusalem will come up from year to year to worship the King, the Lord of hosts, and to keep the pilgrim-feast of tabernacles.
17 Sɛ ewiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osuo rentɔ mma wɔn.
Whoever of all the peoples of the earth will not come up to Jerusalem to worship the King, the Lord of hosts, on them there will be no rain.
18 Sɛ Misraimfoɔ ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osuo rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn.
If the family of Egypt does not go up nor enter in, on them also will come the plague with which the Lord will strike the nations.
19 Yei bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa.
This will be the punishment for the sin of Egypt and the punishment for the sin of all nations which do not come up to keep the feast of the tabernacles.
20 Saa ɛda no, wɔbɛkrukyire asɛm a ɛka sɛ: KRONKRON MA Awurade wɔ adɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkukuo a wɔde noa aduane wɔ Awurade fie no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a ɛsisi afɔrebukyia anim.
On that day there will be inscribed upon the bells of the horses, “Holy to the Lord” and the pots in the house of the Lord will be as holy as the sacrificial bowls before the altars.
21 Kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ deɛ wɔate ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛfa nkukuo yi bi anoa mu. Na saa ɛda no, wɔrenhunu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fie bio.
Every pot in Jerusalem and in Judah will be holy to the Lord of hosts and all who sacrifice will come and take of them and cook the sacrifices in them. There will be no more traffickers in the house of the Lord of hosts in that day.

< Sakaria 14 >