< Romafoɔ 16 >

1 Mede yɛn nuabaa Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa.
Препоручујем вам, пак, Фиву сестру нашу, која је слушкиња код цркве у Кенхреји,
2 Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso.
Да је примите у Господу као што приликује светима, и да јој будете у помоћи у свакој ствари коју од вас затреба; јер је она многима помогла, и самоме мени.
3 Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu
Поздравите Прискилу и Акилу, помоћнике моје у Христу Исусу,
4 a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa.
Који за душу моју своје вратове положише, којима не ја један захваљујем, него и све цркве незнабожачке, и домашњу цркву њихову.
5 Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn. Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.
Поздравите Епенета, мени љубазног, који је новина из Ахаје у Христа.
6 Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso.
Поздравите Марију, која се много трудила за нас.
7 Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no.
Поздравите Андроника и Јунију, родбину моју, и моје другаре у сужањству који су знаменити међу апостолима, који и пре мене вероваше Христа.
8 Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia.
Поздравите Амплија, мени љубазног у Господу.
9 Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki.
Поздравите Урбана, помоћника нашег у Христу, и Стахија, мени љубазног.
10 Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no, Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa.
Поздравите Апелија, окушаног у Христу. Поздравите домаће Аристовулове.
11 Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie.
Поздравите Иродијона, рођака мог. Поздравите домаће Наркисове, који су у Господу.
12 Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.
Поздравите Трифену и Трифосу, које се труде у Господу. Поздравите Персиду љубазну, која се много трудила у Господу.
13 Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.
Поздравите Руфа избраног у Господу, и матер његову и моју.
14 Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Akristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa.
Поздравите Асинкрита, Флегонта, Ерма, Патрова, Ермија, и браћу која су с њима.
15 Mekyea Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne Onyankopɔn manfoɔ a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.
Поздравите Филолога и Јулију, Ниреја и сестру његову, и Олимпана, и све свете који су с њима.
16 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho mo ho. Kristo asafo no nyinaa kyea mo.
Поздравите један другог целивом светим. Поздрављају вас све цркве Христове.
17 Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho.
Молим вас, пак, браћо, чувајте се од оних који чине распре и раздоре на штету науке коју ви научисте, и уклоните се од њих;
18 Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee.
Јер такви не служе Господу нашем Исусу Христу него свом трбуху, и благим речима и благословима прелашћују срца безазлених.
19 Obiara ate gyidie a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno enti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani te wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.
Јер ваше слушање разгласи се свуда. И радујем се за вас; али хоћу да сте ви мудри на добро а прости на зло.
20 Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Ɔbonsam wɔ mo nan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
А Бог мира да сатре сотону под ноге ваше скоро. Благодат Господа нашег Исуса Христа с вама. Амин.
21 Me yɔnko Timoteo se ɔkyea mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no nso kyea mo.
Поздравља вас Тимотије, помоћник мој, и Лукије и Јасон и Сосипатар, рођаци моји.
22 Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo.
Поздрављам вас и ја Тертије, који написах ову посланицу у Господу.
23 Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo.
Поздравља вас Гај, домаћин мој и целе цркве. Поздравља вас Ераст, благајник градски, и брат Кварт.
24 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
Благодат Господа нашег Исуса Христа са свима вама. Амин.
25 Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, (aiōnios g166)
А ономе који вас може утврдити по јеванђељу мом и проповедању Исуса Христа, по откривењу тајне која је била сакривена од постања света, (aiōnios g166)
26 wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no. (aiōnios g166)
А сад се јавила и обзнанила кроз писма пророчка, по заповести вечног Бога, за послушање вере међу свима незнабошцима, (aiōnios g166)
27 Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen. (aiōn g165)
Једином премудром Богу, кроз Исуса Христа, слава вавек. Амин. (aiōn g165)

< Romafoɔ 16 >