< Adiyisɛm 16 >

1 Afei, metee nne bi sɛ ɛrekasa firi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfoɔ no sɛ, “Mo nkɔ nkɔhwie Onyankopɔn abufuo nson a ɛwɔ nkuruwa nson mu no ngu asase so.”
And I heard a loud voice from the sanctuary saying to the seven angels, “Go, pour out the bowls of God's fury on the earth.”
2 Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no kɔhwiee ne kuruwa no mu abufuo guu asase so. Akuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ yea tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyiraeɛ no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso.
So off went the first one and poured out his bowl on the earth, and a foul and malignant ulcer appeared in the people who had the mark of the beast and those who worshiped his image.
3 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu ɛpo mu. Nsuo no danee sɛ owufoɔ mogya, na abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ ɛpo no mu no wuiɛ.
Then the second angel poured out his bowl on the sea, and it turned into blood, like a dead person's; so every living soul in the sea died.
4 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu nsubɔntene ne nsuwa mu maa ne nyinaa danee mogya.
Then the third angel poured out his bowl on the rivers and the springs of water, and they turned into blood.
5 Metee sɛ ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so no reka sɛ, “wʼatɛn a wobuo no yɛ atɛntenenee. Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dada,
And I heard the angel of the waters saying: “How just You are! The One who is and who was, the holy One, because You have judged these things.
6 ɛfiri sɛ wahwie mo ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛdeɛ ɛfata wɔn.”
Because they shed the blood of saints and prophets, and You have given them blood to drink. They deserve it!”
7 Afei, metee nne bi wɔ afɔrebukyia no so sɛ, “Aane, Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, atɛn a wobu nyinaa yɛ atɛntenenee!”
And I heard one from the altar saying: “Yes, O Lord God, the Almighty! Your judgings are true and just!”
8 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so ɛnan no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa.
Then the fourth angel poured out his bowl on the sun, and it was granted to him to burn the people with fire.
9 Owia hyeɛ no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso, wɔannu wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn animuonyam.
So the people were burned with severe burns, and they blasphemed the name of God, who has authority over these plagues. And they did not repent to give Him glory.
10 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu aboa no ahennwa no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na ɛsiane yea enti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma;
Then the fifth angel poured out his bowl on the throne of the Beast, and his kingdom was plunged into darkness; so they gnawed their tongues because of the pain.
11 na ɛsiane saa yea no ne akuro a ɛtutuu wɔn no enti, wɔdomee ɔsoro Onyankopɔn. Nanso, wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn bɔne ho.
And they blasphemed the God of heaven because of their pains, and because of their ulcers; yet they did not repent of their deeds.
12 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu Asubɔnten Eufrate mu. Asuo no weweeɛ, danee ɛkwan maa ahene a wɔfiri apueeɛ.
Then the sixth angel poured out his bowl on the great river Euphrates, and its water was dried up, so that the way for the kings from the sun's rising might be prepared.
13 Afei, mehunuu ahonhommɔne mmiɛnsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wɔfifiri ɔtweaseɛ no ne aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no anom.
And I saw three unclean spirits, like frogs, coming out of the mouth of the dragon, out of the mouth of the Beast, and out of the mouth of the false prophet.
14 Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwanwadeɛ. Saa ahonhom mmiɛnsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Onyankopɔn ɔko da kɛseɛ no.
For they are spirits of demons, performing signs, which go out to the kings of the whole inhabited earth, to gather them to the battle of that great day of God Almighty.
15 “Montie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ so, sɛdeɛ ɔrennante adagya ngu ne ho anim ase wɔ badwam!”
(“Watch out, I am coming like a thief. Blessed is the one who watches and guards his clothes, so that he not walk about naked and they see his shame.”)
16 Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Armagedon.
So he gathered them to the place called in Hebrew, Armagedon.
17 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu mframa mu. Nne denden bi firi ahennwa a ɛwɔ asɔredan no mu no kaa sɛ, “Wɔawie.”
Then the seventh angel poured out his bowl into the air, and a great voice came out of the sanctuary of heaven, from the Throne, saying, “It is done!”
18 Na anyinam tete maa aprannaa paapaeɛ, ɛnna asasewosoɔ denden bi baeɛ. Ɛfirii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosoɔ biara mmaa saa da. Yei ne asasewosoɔ nyinaa mu deɛ ano yɛ den pa ara.
and there were lightnings and thunders and noises. And there was a tremendous earthquake, a terribly severe earthquake such as had not occurred since mankind existed on the earth.
19 Kuro kɛseɛ no mu paee mmiɛnsa, na aman nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛeɛ. Onyankopɔn kaee Babilonia kɛseɛ no, na ɔmaa no nsã a ano yɛ den a ɛyɛ nʼabufuo firi ne kuruwa ano nomeɛ.
So the great city was divided into three parts, and the cities of the nations fell. And Babylon the great was remembered before God, to give her the cup of the wine of the fury of His wrath.
20 Nsupɔ ne mmepɔ nyinaa yeraeɛ.
And every island fled, and mountains were not found.
21 Asukɔtweaa kɛseɛ a ebiara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ firii soro guu nnipa so. Na ɛsiane asukɔtweaa no haw a na ɛyɛ hu no enti, nnipa domee Onyankopɔn.
And huge hailstones, weighing about a talent, fell out of the sky on the people; and the people blasphemed God on account of the plague of the hail, because its plague was exceedingly severe.

< Adiyisɛm 16 >