< Nnwom 88 >

1 Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so. Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ. 2 Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. 3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owuo. (Sheol h7585) 4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden. 5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu, te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio. 6 Woato me atwene damena ase tɔnn, wɔ esum kabii mu. 7 Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. 8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane; 9 awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu. Ao Awurade mesu frɛ wo da biara; metrɛ me nsam kyerɛ wo. 10 Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa? 11 Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa, anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom? 12 Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum, anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so? 13 Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me; me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu 14 Ao Awurade, adɛn nti na wopo me na wode wʼanim hinta me? 15 Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba. 16 Wʼabofuhyeɛ abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me. 17 Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire, na wɔabu afa me so koraa. 18 Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ; na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.

< Nnwom 88 >