< Nnwom 75 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so. Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ. 2 Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mebu atɛntenenee. 3 Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. 4 Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so. 5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiabuo nkasa.’” 6 Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so. 7 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so. 8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa nom ma ɛka aseɛ puo. 9 Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn. 10 Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ.

< Nnwom 75 >