< Nnwom 72 >

1 Salomo dwom. Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no, na fa wo tenenee ma ɔhene babarima. 2 Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn, ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee. 3 Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no, nkokoɔ no de tenenee bɛba. 4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa; ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ. 5 Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi wɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 6 Ɔbɛyɛ sɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so, te sɛ obosuo a ɛgugu asase so. 7 Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm wɔ ne berɛ so; yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni hɔ bio. 8 Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpo afiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano. 9 Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim na nʼatamfoɔ adi mfuturo. 10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de apeatoɔ bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no. 11 Ahemfo nyinaa bɛkoto no amanaman nyinaa bɛsom no. 12 Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no, ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ. 13 Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ na wagye ahiafoɔ nkwa. 14 Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu, ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. 15 Ɔhene nkwa so! Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no na wɔnhyira no da mu nyinaa. 16 Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa; nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so, ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ. 17 Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia. Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira. 18 Nhyira nka Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ. 19 Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma. 20 Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie.

< Nnwom 72 >