< Nnwom 72 >

1 Salomo dwom. Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no, na fa wo tenenee ma ɔhene babarima.
A psalm of Solomon. God, please give the king fairness, and give the king's son the ability to do what's right.
2 Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn, ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee.
May he rightly judge your people, and may he be fair to the poor.
3 Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no, nkokoɔ no de tenenee bɛba.
May the mountains bring peace to the people, and the hills bring goodness.
4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa; ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ.
May he defend the poor and save their children, may he crush those who oppress them.
5 Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi wɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
May they respect him as long as the sun and the moon shine above, for all generations.
6 Ɔbɛyɛ sɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so, te sɛ obosuo a ɛgugu asase so.
May his reign be like rain falling on new grass, like showers that water the earth.
7 Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm wɔ ne berɛ so; yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni hɔ bio.
May those who live right prosper under his rule; may there be great prosperity until the moon is no more.
8 Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpo afiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano.
May he rule from sea to sea, from the river to the ends of the earth.
9 Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim na nʼatamfoɔ adi mfuturo.
Desert tribes will kneel before him; and his enemies will bite the dust.
10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de apeatoɔ bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no.
The kings of Tarshish and the islands will bring him tribute; the kings of Sheba and Seba will present him with gifts.
11 Ahemfo nyinaa bɛkoto no amanaman nyinaa bɛsom no.
Every king will bow down to him; every nation will serve him.
12 Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no, ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ.
He will help the poor when they cry out to him, and help those who are suffering that have no one to support them.
13 Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ na wagye ahiafoɔ nkwa.
He has pity on the poor and needy—he saves their lives!
14 Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu, ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.
He rescues them from violence and oppression, for their lives mean so much to him.
15 Ɔhene nkwa so! Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no na wɔnhyira no da mu nyinaa.
May he live long! May the gold from Sheba be given to him. May people always pray for him and bless him all day long.
16 Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa; nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so, ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ.
May there be plenty of grain in the land, even growing on mountain-tops. May the fruit on the trees sway like the trees of Lebanon. May the people in the city flourish like grass in a field.
17 Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia. Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira.
May his fame live forever, may it last as long as the sun. May all nations be blessed through him, and may they praise him.
18 Nhyira nka Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ.
Praise the Lord God, the God of Israel, who is the only one who can do such fantastic things!
19 Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma.
Praise his wonderful nature forever! May the whole world be full of his glory! Amen and amen!
20 Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie.
(This is the end of the psalms of David, son of Jesse.)

< Nnwom 72 >