< Nnwom 66 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn! 2 Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ! 3 Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa wo tumi so na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim. 4 Asase nyinaa koto wo; wɔto ayɛyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.” 5 Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ; anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. 6 Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; wɔnante twaa asuo no. Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu. 7 Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no. 8 Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ. 9 Wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn nan anwatiri. 10 Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ; na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ. 11 Wode yɛn kɔguu nneduadan mu na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi. 12 Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsuo mu, nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so. 13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so, 14 ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no. 15 Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo nnwennini ayɛyɛdeɛ; mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ. 16 Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa; momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo. 17 Mede mʼano su frɛɛ no; na me tɛkrɛma yii no ayɛ. 18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a, anka Awurade antie me. 19 Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me, wate me mpaeɛbɔ. 20 Nhyira nka Onyankopɔn, a wampo me mpaeɛbɔ na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so.

< Nnwom 66 >