< Nnwom 61 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaeɛbɔ. 2 Mefiri asase ano frɛ wo, mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so. 3 Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no. 4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. 5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me. 6 To ɔhene nkwa nna mu bebree; na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ. 7 Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban. 8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

< Nnwom 61 >