< Nnwom 57 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.” Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam. 2 Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho. 3 Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ. 4 Agyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam. 5 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. 6 Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. 7 Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, mʼakoma nhinhim; mɛto dwom na mayi wo ayɛ. 8 Me kra nyane! Sankuo ne bɛnta, monnyane! Me nso mɛnyane anɔpahema. 9 Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu. 10 Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; wo nokorɛ kɔka ewiem. 11 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

< Nnwom 57 >