< Nnwom 49 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Nnipa nyinaa, montie; monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa, 2 deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa. 3 Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu. 4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase. 5 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia, 6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho? 7 Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn. 8 Nkwa ho mpata boɔ yɛ den, sika biara rentumi ntɔ, 9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhunu porɔeɛ. 10 Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu; saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ. 11 Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi. 12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara. 13 Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die, ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ. 14 Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu, na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane. Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa; wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu, na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware. (Sheol h7585) 15 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. (Sheol h7585) 16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo; 17 ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ, nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu. 18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie, 19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no. 20 Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no, ɔte sɛ aboa a ɔwuo.

< Nnwom 49 >