< Nnwom 46 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so. Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara. 2 Enti sɛ asase ani dane butu na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro, 3 sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro. 4 Asutene bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ. 5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema. 6 Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nane. 7 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho. Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. 8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so. 9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano. Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea; ɔde ogya hye nkataboɔ. 10 Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so. 11 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho; Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

< Nnwom 46 >