< Nnwom 45 >

1 Wɔde “Sukooko” sankuo dwomtobea na ɛtoeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom. Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua. 2 Wodi mu wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti. 3 Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; fa animuonyam ne kɛseyɛ fira. 4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi. 5 Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu; na ma amanaman nhwe wo nan ase. 6 Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa; tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma. 7 Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne. Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo. 8 Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye. 9 Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. 10 Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. 11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura. 12 Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo. 13 Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu. 14 Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. 15 Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie. 16 Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. 17 Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.

< Nnwom 45 >