< Nnwom 41 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no. Awurade gye no wɔ amanehunu berɛ mu.
Blessed is he that considers the poor: the LORD will deliver him in time of trouble.
2 Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra. Ɔbɛhyira no wɔ asase no so; ɔrennyaa no mma nʼatamfoɔ apɛdeɛ.
The LORD will preserve him, and keep him alive; and he shall be blessed upon the earth: and you will not deliver him unto the will of his enemies.
3 Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yadeɛ mpa so na wagye no asi hɔ.
The LORD will strengthen him upon the bed of languishing: you will make all his bed in his sickness.
4 Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ; sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.”
I said, LORD, be merciful unto me: heal my soul; for I have sinned against you.
5 Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ: “Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?”
Mine enemies speak evil of me, When shall he die, and his name perish?
6 Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ; ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro.
And if he comes to see me, he speaks vanity: his heart gathers iniquity to itself; when he goes abroad, he tells it.
7 Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho; wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ:
All that hate me whisper together against me: against me do they devise my hurt.
8 “Yare bɔne bi abɔ no; ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.”
An evil disease, say they, cleaves fast unto him: and now that he lies he shall rise up no more.
9 Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ, deɛ me ne no too nsa didiiɛ no, asɔre atia me.
Yea, mine own familiar friend, in whom I trusted, which did eat of my bread, has lifted up his heel against me.
10 Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ; pagya me, na mentua wɔn so ka.
But you, O LORD, be merciful unto me, and raise me up, that I may requite them.
11 Menim sɛ wʼani sɔ me, na me ɔtamfoɔ renni me so nkonim.
By this I know that you favour me, because mine enemy does not triumph over me.
12 Me nokorɛdie mu, wokura me mu na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.
And as for me, you uphold me in mine integrity, and set me before your face for ever.
13 Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛnnɛ ne daa nyinaa.
Blessed be the LORD God of Israel from everlasting, and to everlasting. Amen, and Amen.

< Nnwom 41 >