< Nnwom 32 >

1 Dawid dwom. Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. 2 Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so, na nnaadaa nni ne honhom mu. 3 Ɛberɛ a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛ apinie a mesii no da mu nyinaa enti. 4 Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden saeɛ sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ. 5 Afei, megyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumuyɛ so. Mekaa sɛ, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me. 6 Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ ɛberɛ a wɔhunu woɔ; ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a, ɛrenka no. 7 Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia. 8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ mɛtu wo fo na mahwɛ wo so. 9 Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a ɔnni nteaseɛ enti wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn. 10 Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso, nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no, ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia. 11 Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ; monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ.

< Nnwom 32 >