< Nnwom 29 >

1 Dawid dwom. Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. 2 Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu. 3 Awurade nne wɔ nsuo no so; animuonyam Onyankopɔn bobom, Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so. 4 Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ animuonyam. 5 Awurade nne bubu ntweneduro; Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete. 6 Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba, na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba. 7 Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre 8 Awurade nne woso ɛserɛ so; Awurade woso Kades serɛ. 9 Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn!” 10 Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so; wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ. 11 Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden, na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.

< Nnwom 29 >