< Nnwom 24 >

1 Dawid dwom. Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea; ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no; 2 ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo so na ɔde sii nsuo ani. 3 Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no? Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ? 4 Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ, deɛ ne kra nni ahoni akyi na ɔnnka ntanhunu. 5 Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn. 6 Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ, wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn. 7 Mo apono, mommuebue mommuebue, mo tete apono, na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu. 8 Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi? Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no; Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ. 9 Mommuebue, Ao mo apono mommuebue, mo tete apono, na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu. 10 Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne animuonyam Ɔhene no.

< Nnwom 24 >