< Nnwom 20 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban. 2 Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den. 3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani. 4 Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ, na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie. 5 Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo. 6 Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa; ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ. 7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so. 8 Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn. 9 Ao Awurade gye ɔhene nkwa! Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.

< Nnwom 20 >