< Nnwom 17 >

1 Dawid Mpaeɛbɔ. Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu. 2 Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ. Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ. 3 Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee; masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne. 4 Nnipa nneyɛɛ fam no, wʼanomu asɛm enti matwe me ho afiri basabasayɛfoɔ akwan ho. 5 Menam wʼakwan so daa; me nan nnwatiriiɛ. 6 Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn na wobɛgye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ. 7 Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa firi wɔn atamfoɔ nsam. 8 Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwunu no ase 9 firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam, mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no. 10 Wɔpirim wɔn akoma, na wɔkasa ahantan so. 11 Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. 12 Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ. 13 Sɔre, Ao Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam. 14 Ao Awurade fa wo nsa gye me firi nnipa a wɔte sei nsam asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu. Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmammarima wɔ bebree, na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma. 15 Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim; sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam.

< Nnwom 17 >