< Nnwom 140 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam, 2 wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu na wɔhwanyane ɔko mu da biara. 3 Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ; ananka borɔ wɔ wɔn ano. 4 Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu. 5 Ahantanfoɔ asum me afidie; wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so. 6 Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su. 7 Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a wobɔ me tiri ban ɔko da, 8 nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade; mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie. 9 Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn. 10 Ma nnyasrama ngu wɔn so; ma wɔnto wɔn ngu ogya mu, ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio. 11 Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so; ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ. 12 Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee na ɔka onnibie asɛm ma no. 13 Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

< Nnwom 140 >