< Nnwom 138 >

1 Dawid deɛ. Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ; mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim. 2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no asene nneɛma nyinaa. 3 Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ. 4 Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a ma wɔn nkamfo wo. 5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ. 6 Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri. 7 Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ, nanso wobɔ me nkwa ho ban; wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa. 8 Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu; Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ.

< Nnwom 138 >