< Nnwom 136 >

1 Monna Awurade ase na ɔyɛ. 2 Monna anyame mu Onyankopɔn ase. 3 Monna awuranom mu Awurade no ase. 4 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ. 5 Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro. 6 Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so. 7 Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no. 8 Ɔbɔɔ owia sɛ ɛnni adekyeeɛ so. 9 Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnni adesaeɛ so no. 10 Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan, 11 na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no. 12 Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu. 13 Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, 14 na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no. 15 Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no. 16 Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim wɔ ɛserɛ no so. 17 Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no, 18 na ɔkumm ahemfo akunini no. 19 Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon, 20 ne Basanhene, Og. 21 Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ. 22 Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel sɛ agyapadeɛ. 23 Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu. 24 Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam. 25 Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane. 26 Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase.

< Nnwom 136 >