< Nnwom 13 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me? 2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn? 3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna. 4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase. 5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu. 6 Mɛto dwom ama Awurade, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.

< Nnwom 13 >