< Nnwom 126 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ. 2 Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, “Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.” 3 Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma. 4 Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn, te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no. 5 Wɔn a wɔdua no nisuo mu no de anigyeɛ nnwom bɛtwa. 6 Deɛ ɔde osu firi adie na ɔsoa aba kɔdua no, ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.

< Nnwom 126 >