< Nnwom 121 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba? 2 Me mmoa firi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. 3 Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko. 4 Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna. 5 Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so; 6 Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu, na ɔsrane nso renha wo anadwo. 7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so; 8 Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so, seesei ne daa.

< Nnwom 121 >