< Nnwom 119 >

1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ na wɔnante sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ. 2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ, na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no. 3 Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara; na wɔnam nʼakwan so. 4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ. 5 Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee sɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ. 6 Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a ɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase. 7 Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no. 8 Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so; na nnya me korakora. 9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate? Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so. 10 Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo; mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho. 11 Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo. 12 Ao Awurade, nkamfo wɔ wo; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 13 Mede mʼano ka mmara a ɛfiri wʼanomu nyinaa. 14 Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no. 15 Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho na mehwehwɛ wʼakwan mu. 16 Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase. 17 Yɛ wo ɔsomfoɔ yie; na matena ase adi wʼasɛm so. 18 Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a ɛwɔ wo mmara no mu. 19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; mfa wo mmaransɛm no nhinta me. 20 Me kra tɔ baha ɛberɛ biara wɔ wo mmara ho anigyina enti. 21 Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no. 22 Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu, ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so. 23 Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro, nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. 24 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ na ɛyɛ me fotufoɔ. 25 Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. 26 Mesesee mʼakwan na wogyee me so; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 27 Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho. 28 Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha; hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ. 29 Yi me firi nnaadaa akwan so; na fa wo mmara so dom me. 30 Mafa nokorɛ kwan no so; mede mʼakoma adi wo mmara akyi. 31 Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden mma mʼanim ngu ase. 32 Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam. 33 Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so, na mɛdi so akɔsi awieeɛ. 34 Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so, na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so. 35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na ɛhɔ na menya anigyeɛ. 36 Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho. 37 Yi mʼani firi nneɛma hunu so; na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. 38 Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so, na wasuro wo. 39 Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ, ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa. 40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu. 41 Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 42 Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no, ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ. 43 Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom, ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu. 44 Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara akɔsi daa apem. 45 Mede ahofadie bɛnante ɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ. 46 Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim na mʼanim rengu ase, 47 ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho na medɔ no. 48 Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no, na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. 49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ. 50 Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so. 51 Ahantanfoɔ bu me animtia bebree, nanso mennane mfiri wo mmara ho. 52 Ao Awurade mekae wo tete mmara no, na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu. 53 Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ a wɔapo wo mmara enti. 54 Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban wɔ baabiara a mesoɛ. 55 Ao Awurade, anadwo mekae wo din, na mɛdi wo mmara so. 56 Yei ne adeɛ a meyɛ da biara, medi wo nkyerɛkyerɛ so. 57 Ao Awurade, wone me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so. 58 Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo; hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 59 Madwene mʼakwan ho na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ. 60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn sɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ. 61 Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me nanso me werɛ remfiri wo mmara. 62 Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo wo mmara a ɛtene enti. 63 Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo, wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa. 64 Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 65 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie sɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao Awurade. 66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa, ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di. 67 Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan, na seesei deɛ, medi wʼasɛm so. 68 Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 69 Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho, nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so. 70 Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema, nanso mʼani gye wo mmara ho. 71 Ɛyɛ sɛ mehunuu amane sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm. 72 Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem. 73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me; ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm. 74 Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye, ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 75 Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene, na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso. 76 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ sɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ. 77 Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa, ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho. 78 Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me, nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho. 79 Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn, wɔn a wɔte wo mmara ase no. 80 Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho, na mʼanim angu ase. 81 Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha, nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?” 83 Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ, nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm. 84 Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? 85 Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie, a ɛne wo mmara bɔ abira. 86 Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ; boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa. 87 Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so, nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die. 88 Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so. 89 Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa; ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro. 90 Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ. 91 Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ, na nneɛma nyinaa som wo. 92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, anka mʼamanehunu akum me. 93 Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no, ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. 94 Gye me nkwa, na meyɛ wo dea; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. 95 Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho. 96 Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem; nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ. 97 Ao medɔ wo mmara no! Medwendwene ho ɛda mu nyinaa. 98 Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ, ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa. 99 Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho. 100 Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ, ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so. 101 Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm. 102 Memmane memfirii wo mmara ho, ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me. 103 Wo nsɛm yɛ me dɛ, ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom. 104 Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu; enti mekyiri ɛkwan bɔne biara. 105 Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea ne mʼakwan so hann. 106 Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ mɛdi wo tenenee mmara no so. 107 Mahunu amane bebree; kyɛe me nkwa so, Ao Awurade, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. 108 Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara. 109 Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase, nanso me werɛ remfiri wo mmara. 110 Amumuyɛfoɔ asum me afidie nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho. 111 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ; ɛma mʼakoma ani gye. 112 Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so akɔsi awieeɛ. 113 Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara. 114 Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 115 Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ, na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so! 116 Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa. 117 Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ; na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. 118 Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa, na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa. 119 Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben; enti medɔ wʼahyɛdeɛ. 120 Wo ho suro ma me ho popo; wo mmara abɔ me hu. 121 Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ! 122 Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie; mma ahantanfoɔ nhyɛ me so. 123 Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu, ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no. 124 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 125 Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu na mate wʼahyɛdeɛ ase. 126 Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi; wɔrebu wo mmara so. 127 Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa, 128 na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti mekyiri ɛkwan bɔne biara. 129 Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa; enti medi so. 130 Wo nsɛm ase teɛ ma hann; na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ. 131 Mebue mʼanom na megu ahome, na mʼani gyina wo mmaransɛm. 132 Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. 133 Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. Mma bɔne biara nni me so. 134 Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so. 135 Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 136 Nisuo adware me sɛ asutene ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so. 137 Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ. 138 Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene; ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara. 139 Abufuo ahyɛ me ma, ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no. 140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara, na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn. 141 Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ, nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ. 142 Wo tenenee wɔ hɔ daa na wo mmara no yɛ nokorɛ. 143 Ɔhaw ne ahohiahia aduru me, nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ. 144 Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa; ma me nteaseɛ na manya nkwa. 145 Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so. 146 Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa na medi wʼahyɛdeɛ so. 147 Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa; mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu. 148 Mʼani gu so anadwo nyinaa, na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho. 149 Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ. 150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn, nanso wɔne wo mmara ntam ware. 151 Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me, na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ. 152 Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. 153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no. 154 Di mʼasɛm ma me na gye me. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 155 Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware, ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. 156 Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ; kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ. 157 Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso, nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho. 158 Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu, ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so. 159 Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ. 160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ; na wo mmara a ɛtene no to rentwa da. 161 Sodifoɔ taataa me kwa, nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro. 162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho te sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ. 163 Mekyiri nkontompo na medɔ wo mmara. 164 Mekamfo wo mprɛnson da biara wo mmara a ɛtene no enti. 165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso, na biribiara rentumi mma wɔnsunti. 166 Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ, na medi wo mmaransɛm so. 167 Medi wʼahyɛdeɛ so na medɔ no yie. 168 Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so, na wonim mʼakwan nyinaa. 169 Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim; ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. 170 Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim; na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene. 173 Yɛ ahoboa bɛboa me, ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu. 174 Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ, na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ. 175 Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo, na wo mmara nso awowa me. 176 Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera. Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no.

< Nnwom 119 >