< Nnwom 100 >

1 Ayɛyie Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa 2 Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. 3 Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. 4 Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5 Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

< Nnwom 100 >