< Mmɛbusɛm 8 >

1 Tie: Nyansa refrɛ. Nteaseɛ ma ne nne so. 2 Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina, 3 apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho, ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ, 4 “Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ; meteam frɛ adasamma nyinaa. 5 Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte; mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ. 6 Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ. 7 Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm. 8 Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ; ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm. 9 Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu; ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ. 10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa. 11 Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota, na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho. 12 “Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ; nimdeɛ ne nhunumu wɔ me. 13 Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne; mekyiri ahantan ne ahomasoɔ, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm. 14 Afotuo ne atemmuo pa wɔ me; mewɔ nteaseɛ ne tumi. 15 Me so na ahemfo nam di adeɛ na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ; 16 Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene. 17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me. 18 Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn, ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara. 19 Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa; deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so. 20 Tenenee akwan so na menam atɛntenenee akwan so, 21 mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma. 22 “Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakan dii ne tete nneyɛɛ anim; 23 ɔyii me sii hɔ firi tete, ansa na ewiase rehyɛ aseɛ. 24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no; 25 ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ, wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba, 26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ. 27 Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro, ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no, 28 ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no, 29 ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ, ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no, 30 na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn. Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara, 31 na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa mu na mʼani ka wɔ adasamma mu. 32 “Enti me mma, montie me; nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so. 33 Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa; mommu mo ani nngu so. 34 Nhyira ne onipa a ɔtie me, ɔwɛn mʼaboboano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ. 35 Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn. 36 Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”

< Mmɛbusɛm 8 >