< Mmɛbusɛm 27 >

1 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.
Do not boast about tomorrow; for you do not know what a day may bring forth.
2 Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa; ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.
Let another man praise you, and not your own mouth; a stranger, and not your own lips.
3 Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa, nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.
A stone is heavy, and sand is a burden; but a fool's provocation is heavier than both.
4 Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?
Wrath is cruel, and anger is overwhelming; but who is able to stand before jealousy?
5 Animka a ɛda edwa yɛ sene ɔdɔ a asuma.
Better is open rebuke than hidden love.
6 Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.
Faithful are the wounds of a friend; although the kisses of an enemy are profuse.
7 Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ, nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.
A full soul loathes a honeycomb; but to a hungry soul, every bitter thing is sweet.
8 Onipa a wayera ne fie ɛkwan, te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.
As a bird that wanders from her nest, so is a man who wanders from his home.
9 Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye, adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.
Perfume and incense bring joy to the heart; so does earnest counsel from a man's friend.
10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ, na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Do not forsake your friend and your father's friend. Do not go to your brother's house in the day of your disaster: better is a neighbor who is near than a distant brother.
11 Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye; ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.
Be wise, my son, and bring joy to my heart, then I can answer my tormentor.
12 Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta, nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
A prudent man sees danger and takes refuge; but the simple pass on, and suffer for it.
13 Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu; sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
Take his garment when he puts up collateral for a stranger. Hold it for a wayward woman.
14 Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
He who blesses his neighbor with a loud voice early in the morning, it will be taken as a curse by him.
15 Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;
A continual dropping on a rainy day and a contentious wife are alike:
16 sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.
restraining her is like restraining the wind, or like grasping oil in his right hand.
17 Dadeɛ se dadeɛ, saa ara na onipa se ɔfoforɔ.
Iron sharpens iron; so a man sharpens his friend's countenance.
18 Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba, na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.
Whoever tends the fig tree shall eat its fruit. He who looks after his master shall be honored.
19 Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no, saa ara na onipa akoma da onipa no adi.
As water reflects a face, so a man's heart reflects the man.
20 Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no, saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da. (Sheol h7585)
Sheol and Abaddon are never satisfied; and a man's eyes are never satisfied. (Sheol h7585)
21 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.
The crucible is for silver, and the furnace for gold; but man is refined by his praise.
22 Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu, sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a, worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.
Though you grind a fool in a mortar with a pestle along with grain, yet his foolishness will not be removed from him.
23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea, na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;
Know well the state of your flocks, and pay attention to your herds:
24 ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa, na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.
for riches are not forever, nor does even the crown endure to all generations.
25 Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,
The hay is removed, and the new growth appears, the grasses of the hills are gathered in.
26 ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma, na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.
The lambs are for your clothing, and the goats are the price of a field.
27 Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree ama wo ne wʼabusuafoɔ adi ne aduane ama wo mmaawa.
There will be plenty of goats' milk for your food, for your family's food, and for the nourishment of your servant girls.

< Mmɛbusɛm 27 >