< Mmɛbusɛm 19 >

1 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu. 2 Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ. 3 Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso nʼakoma huru tia Awurade. 4 Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gya no hɔ. 5 Adansekurumni bɛnya nʼakatua, na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni. 6 Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn, na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo. 7 Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso ɔnhunu wɔn baabiara. 8 Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra; deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ. 9 Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera. 10 Akɛsesɛm mfata ɔkwasea, anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so! 11 Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ; sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam. 12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo. 13 Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ, ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da. 14 Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ, na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade. 15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ. 16 Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu. 17 Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka. 18 Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ, na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako. 19 Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka; sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio. 20 Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa. 21 Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu, nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu. 22 Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ; ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ. 23 Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu. 24 Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu na ɔremma so mpo nkɔ nʼano! 25 Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ. 26 Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba. 27 Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho. 28 Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw; na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne. 29 Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ, ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.

< Mmɛbusɛm 19 >