< 4 Mose 4 >

1 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Kan Kohatfoɔ no dodoɔ a wɔwɔ Lewifoɔ no abusua mu. 3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. 4 “Kohat mma no dwumadie ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronneɛ no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 5 Sɛ wɔretu afiri atenaeɛ hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wɔbɛdi ɛkan akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu akɔfa nkatanimu no de akata adaka no ho. 6 Afei, wɔde abirekyie nwoma bɛkata nkatanimu no ho na wɔde ntoma tuntum akata abirekyie nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkawa no mu. 7 “Afei, wɔmfa ntoma tuntum nsɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no da so no so, na wɔmfa nyowaa, ntere, dwaresɛn akɛseɛ, nkuruwa ne Burodo no ngu ntoma no so. 8 Wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasane de abirekyie nhoma akata ntoma kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɛpono no mu. 9 “Afei, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata kaneadua no, nkanea no, adaawa no, nkukuo apaawa no ne ngo toa no ho. 10 Saa nneɛma yi nyinaa nso, wɔde abirekyie nhoma bɛkata ho na wɔde nkyekyereeɛ yi nyinaa abɛgu ɛpono so. 11 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔrebukyia no so na wɔsane de abirekyie nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔrebukyia no mu. 12 “Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma bibire kyekyere ho a wɔde abirekyie nhoma asane akyekyere ho na wɔde to mpata a wɔde soa no so. 13 “Ɛsɛ sɛ wɔtu nsõ no nyinaa firi afɔrebukyia no mu guo, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bibire kyekyere ho. 14 Ɛsɛ sɛ wɔde afɔrebukyia no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntoma no so. Saa nneɛma no ne nkyɛnsee a wɔnoa mu, nsosɔmu, sofi, kyɛnsee kɛseɛ ne nneɛma a wɔkora mu nneɛma gu ntoma no so na wɔde abirekyie nhoma kata ne nyinaa so. Na afei, wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde guo. 15 “Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafoɔ bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wɔnni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho te no bi. Wɔyɛ saa a, wɔbɛwuwu. Kohat mma na ɛsɛ sɛ wɔsoa nneɛma a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 16 “Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.” 17 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 18 “Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu. 19 Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho te no a, deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu nie: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. 20 Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ koraa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhunu nneɛma a ɛho te no na ɛrenkyɛre koraa wɔawuwu.” 21 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 22 “Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no, 23 firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so. 24 “Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie: 25 Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no. 26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa. 27 Aaron anaa ne mmammarima no bi tumi ma Gerson asefoɔ no bi dwuma di. 28 Nanso Gersonfoɔ no bɛhyɛ Aaron Itamar ase. 29 “Afei, kan Merari asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no 30 ɛfiri mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum so a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. 31 Sɛ wɔpagya Ahyiaeɛ Ntomadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinasoɔ, nnua a ɛsisi mu, ne nsisisoɔ 32 mpunan a wɔde yɛɛ adihɔ hɔ afasuo no ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ntampehoma ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadie ahodoɔ no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn edin nsa. 33 Merari asefoɔ no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.” 34 Enti Mose ne Aaron ne mpanimfoɔ no bi kɔkan Kohatfoɔ 35 a mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum nyinaa a wɔbɛtumi ayɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma ka ho, 36 na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanson aduonum. 37 Wɔyɛɛ yeinom nyinaa de dii Awurade ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ Mose no so. 38 Wɔkan Gersonfoɔ no mmusua ne wɔn mmusuakuo. 39 Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 40 Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmienu ahansia ne aduasa. 41 Enti na Gersonfoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no. 42 Merarifoɔ no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuo. 43 Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 44 Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmiɛnsa ne ahanu. 45 Enti Merarifoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. 46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ nam Lewifoɔ no mmusua ne wɔn afie so kan wɔn nyinaa. 47 Mmarima a na wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no 48 dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ahanum ne aduɔwɔtwe. 49 Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no enti na wɔnam so kanee nnipa no.

< 4 Mose 4 >