< Nehemia 12 >

1 Saa nnipa yi ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanin Yesua sanee wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,
Now these are the priests and the Levites, that went up with Zorobabel the son of Salathiel, and Josue: Saraia, Jeremias, Esdras,
2 Amaria, Maluk, Hatus,
Amaria, Melluch, Hattus,
3 Sekania, Rehum, Meremot,
Sebenias, Rheum, Merimuth,
4 Ido, Ginetoi, Abia,
Addo, Genthon, Abia,
5 Miamin, Maadia, Bilga,
Miamin, Madia, Belga,
6 Semaia, Yoiarib, Yedaia,
Semeia, and Joiarib, Idaia, Sellum, Amoc, Helcias,
7 Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua ɛberɛ so no, na yeinom ne asɔfoɔ ntuanofoɔ ne wɔn mfɛfoɔ.
Idaia. These were the chief of the priests, and of their brethren in the days of Josue.
8 Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.
And the Levites, Jesua, Bennui, Cedmihel, Sarebia, Juda, Mathanias, they and their brethren were over the hymns:
9 Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfoɔ Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanimu.
And Becbecia, and Hanni, and their brethren every one in his office.
10 Ɔsɔfopanin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,
And Josue beget Joacim, and Joacim beget Eliasib, and Eliasib beget Joiada,
11 na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.
And Joiada beget Jonathan, and Jonathan beget Jeddoa.
12 Ɛberɛ a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanin no, na asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no ne: Meraia a ɔtua Seraia abusua ano. Hanania a ɔtua Yeremia abusua ano.
And in the days of Joacim the priests and heads of the families were: Of Saraia, Maraia: of Jeremias, Hanania:
13 Mesulam a ɔtua Ɛsra abusua ano. Yehohanan a ɔtua Amaria abusua ano.
Of Esdras, Mosollam: and of Amaria, Johanan:
14 Yonatan a ɔtua Maluki abusua ano. Yosef a ɔtua Sebania abusua ano.
Of Milicho, Jonathan: of Sebenia, Joseph:
15 Adna a ɔtua Harim abusua ano. Helkai a ɔtua Meraiot abusua ano.
Of Haram, Edna: of Maraioth, Helci:
16 Sakaria a ɔtua Ido abusua ano. Mesulam a ɔtua Gineton abusua ano.
Of Adaia, Zacharia: of Genthon, Mosollam:
17 Sikri a ɔtua Abia abusua ano. Miniamin ne Moadia abusua nso yɛ Piltai.
Of Abia, Zechri: of Miamin and Moadia, Phelti:
18 Samua a ɔtua Bilga abusua ano. Yehonatan a ɔtua Semaia abusua ano.
Of Belga, Sammua of Semaia, Jonathan:
19 Matenai a ɔtua Yoiarib abusua ano. Usi a ɔtua Yedaia abusua ano.
Of Joiarib, Mathanai: of Jodaia, Azzi:
20 Kalai a ɔtua Salai abusua ano. Eber a ɔtua Amok abusua ano.
Of Sellai, Celai: of Amoc, Heber:
21 Hasabia a ɔtua Hilkia abusua ano. Netanel a ɔtua Yedaia abusua ano.
Of Helcias, Hasebia: of Idaia, Nathanael.
22 Persiahene Dario a ɔtɔ so mmienu ɛberɛ so no, wɔtwerɛɛ Lewifoɔ ne asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no nyinaa din wɔ saa asɔfoɔ mpanimfoɔ yi pɛn so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua.
The Levites the chiefs of the families in the days of Eliasib, and Joiada, and Johanan, and Jeddoa, were recorded, and the priests in the reign of Darius the Persian.
23 Wɔtwerɛɛ Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ no din guu Abakɔsɛm Nwoma mu kɔsii Eliasib nana Yohanan ɛberɛ so.
The sons of Levi, heads of the families were written in the book of Chronicles, even unto the days of Jonathan the son of Eliasib.
24 Yeinom ne Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfoɔ bi a, sɛ ɛduru ayɛyie ne aseda afahyɛ so a, wɔgyina hɔ ne wɔn di nhwɛanimu, na ɛfa gye ɛfa so wɔ nnwontoɔ mu, sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
Now the chief of the Levites were Hasebia, Serebia, and Josue the son of Cedmihel: and their brethren by their courses, to praise and to give thanks according to the commandment of David the man of God, and to wait equally in order.
25 Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponoanohwɛfoɔ a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apono no ano no so.
Mathania, and Becbecia, Obedia, and Mosollam, Telmon, Accub, were keepers of the gates and of the entrances before the gates.
26 Na yeinom nyinaa somm wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nana ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ berɛ so.
These were in the days of Joacim the son of Josue, the son of Josedec, and in the days of Nehemias the governor, and of Esdras the priest and scribe.
27 Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no.
And at the dedication of the wall of Jerusalem they sought the Levites out of all their places, to bring them to Jerusalem, and to keep the dedication, and to rejoice with thanksgiving, and with singing, and with cymbals, and psalteries and harps.
28 Wɔde nnwomtofoɔ no firi Yerusalem ne ne nkuraaseɛ ne Netofafoɔ nkuraaseɛ nyinaa bɔɔ mu baeɛ.
And the sons of the singing men were gathered together out of the plain country about Jerusalem, and out of the villages of Nethuphati,
29 Ebi nso firi Bet-Gilgal ne Geba pɔ mu hɔ ne Asmawet, ɛfiri sɛ, na nnwomtofoɔ no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia.
And from the house of Galgal, and from the countries of Geba and Azmaveth: for the singing men had built themselves villages round about Jerusalem.
30 Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, afei wɔdwiraa ɔmanfoɔ no ho, dwiraa apono no ne ɔfasuo no nso ho.
And the priests and the Levites purified, and they purified the people, and the gates, and the wall.
31 Medii Yuda ntuanofoɔ no anim kɔɔ ɔfasuo no atifi, na meboaboaa nnwomtofoɔ akuo akɛseɛ mmienu ano, ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofoɔ ekuo no mu baako kɔɔ anafoɔ wɔ ɔfasuo no atifi kɔsii Sumina Ɛpono no.
And I made the princes of Juda go up upon the wall, and I appointed two great choirs to give praise. And they went on the right hand upon the wall toward the dunghill gate.
32 Hosaia ne Yuda ntuanofoɔ no mu fa dii wɔn akyi,
And after them went Osaias, and half of the princes of Juda,
33 na Asaria, Ɛsra, Mesulam,
And Azarias, Esdras, and Mosollam,
34 Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia
Judas, and Benjamin, and Semeia, and Jeremias.
35 ne asɔfoɔ no bi a wɔhyɛne totorobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di hɔ.
And of the sons of the priests with trumpets, Zacharias the son of Jonathan. the son of Semeia, the son of Mathania; the son of Michaia, the son of Zechur, the son of Asaph,
36 Ne korakora no, Sakaria mfɛfoɔ a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontodeɛ a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn onipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no na ɔdii santen no anim.
And his brethren Semeia, and Azareel Malalai, Galalai, Maai, Nathanael, and Judas, and Hanani, with the musical instruments of David the man of God: and Esdras the scribe before them at the fountain gate.
37 Wɔfaa nsuo Aniwa Ɛpono no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no ɔfasuo atwedeɛ a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid efie ho, kɔsii Nsuo Ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ho.
And they went up over against them by the stairs of the city of David, at the going up of the wall of the house of David, and to the water gate eastward:
38 Nnwontofoɔ a wɔtɔ so mmienu no faa atifi ɛkwan kɔhyiaa wɔn. Me ne ɔmanfoɔ no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasuo no so nam Fononoo Abantenten no ho kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no,
And the second choir of them that gave thanks went on the opposite side, and I after them, and the half of the people upon the wall, and upon the tower of the furnaces, even to the broad wall,
39 afei yɛtwaa Efraim Ɛpono no ho, kɔsii Kuropɔn Dada Ɛpono no, yɛfaa Mpataa Ɛpono no ho, kɔsii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nnwan Ɛpono no ho, na yɛkɔgyinaa Ɔwɛn Ɛpono ano.
And above the gate of Ephraim, and above the old gate, and above the fish gate and the tower of Hananeel, and the tower of Emath, and even to the flock gate: and they stood still in the watch gate.
40 Nnwontokuo mmienu a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuo ntuanofoɔ a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara.
And the two choirs of them that gave praise stood still at the house of God, and I and the half of the magistrates with me.
41 Yɛne asɔfoɔ a na wɔhyɛn totorobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania
And the priests, Eliachim, Maasia, Miamin, Michea, Elioenai, Zacharia, Hanania with trumpets,
42 ne nnwomtofoɔ Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔeɛ. Wɔtoo nnwom denden so a na dwomkyerɛfoɔ Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.
And Maasia, and Semeia, and Eleazar, and Azzi, and Johanan, and Melchia, and Elam, and Ezer. And the singers sung loud, and Jezraia was their overseer:
43 Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri.
And they sacrificed on that day great sacrifices, and they rejoiced: for God had made them joyful with great joy: their wives also and their children rejoiced, and the joy of Jerusalem was heard afar off.
44 Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie.
They appointed also in that day men over the storehouses of the treasure, for the libations, and for the firstfruits, and for the tithes, that the rulers of the city might bring them in by them in honour of thanksgiving, for the priests and Levites: for Juda was joyful in the priests and Levites that assisted.
45 Wɔyɛɛ wɔn Onyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ no yɛeɛ.
And they kept the watch of their God, and the observance of expiation, and the singing men, and the porters, according to the commandment of David, and of Solomon his son.
46 Amammerɛ a wɔma nnwomtofoɔ akwankyerɛfoɔ di nnwomtofoɔ no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no hyɛɛ aseɛ firii Dawid ne Asaf berɛ so.
For in the days of David and Asaph from the beginning there were chief singers appointed, to praise with canticles, and give thanks to God.
47 Enti, ɛfiri Serubabel ne Nehemia berɛ so no, na daa ɔmanfoɔ brɛ nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ ne Lewifoɔ no nnuane. Na Lewifoɔ no nso de deɛ wɔnya no mu bi ma asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no.
And all Israel, in the days of Zorobabel, and in the days of Nehemias gave portions to the singing men, and to the porters, day by day, and they sanctified the Levites, and the Levites sanctified the sons of Aaron.

< Nehemia 12 >