< Mateo 10 >

1 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. 2 Yesu asuafoɔ dumienu no din nie: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no, 3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo, Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo, 4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no. 5 Yesu somaa asuafoɔ dumienu no hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ deɛ amanamanmufoɔ wɔ anaa Samariafoɔ kuro biara mu, 6 na mmom, monkɔ Onyankopɔn nnwan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. 7 Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’ 8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa. 9 “Mommfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho. 10 Mommfa akwantubɔtɔ anaa ntadeɛ anaa mpaboa anaa poma mmienu. Ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ didi. 11 Kuro biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ aseɛ no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyiri kwan na montena ne nkyɛn kɔsi da a mobɛfiri hɔ akɔ baabi foforɔ. 12 Sɛ mokɔ efie bi mu a, monkyea wɔn sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’ 13 Sɛ saa efie no mufoɔ gye mo fɛ so a, monhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo deɛ a, monnhyira wɔn. 14 Sɛ morefiri efie anaa kuro biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporo efie no anaa kuro no mu mfuturo a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ. 15 Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no. 16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma. 17 Nanso, monhwɛ yie wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu. 18 Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no. 19 Sɛ wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu. 20 Asɛm a mobɛka no remfiri mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa. 21 “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. 22 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa. 23 Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ kuro foforɔ mu. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba. 24 “Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso nsene ne wura. 25 Osuani sua ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso sua ne wura. Enti, sɛ me a meyɛ efie no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, ɛdeɛn din na wɔremfa mfrɛ mo! 26 “Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi. 27 Deɛ mereka makyerɛ mo wɔ esum mu yi, monka wɔ hann mu. Deɛ mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi. 28 Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no. (Geenna g1067) 29 Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Mmienu boɔ nyɛ sika bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a ɔbɛwu a mo Agya no nnim ho biribi. 30 Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31 Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma. 32 “Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 33 Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 34 “Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ. 35 Maba sɛ mɛma “‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, na ɔbaa warefoɔ nso asɔre atia nʼasebaa. 36 Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’ 37 “Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no. 38 Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ. 39 Sɛ woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso sɛ me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka. 40 “Obiara a ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 41 Sɛ wogye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn onipa enti a, wɔbɛtua wo so ka sɛ odiyifoɔ no ara pɛ. Na sɛ wogye nnipa tenenee a, wobɛnya akatua sɛ onipa tenenee. 42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifoɔ yi mu akumaa bi nsuo anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

< Mateo 10 >