< Mateo 1 >

1 Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi: 2 Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom. 3 Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar. Peres ba ne Hesron ɛnna Hesron nso ba ne Ram. 4 Ram woo Aminadab; Aminadab woo Nahson; Nahson nso woo Salmon. 5 Salmon ne ne yere Rahab woo Boas; Boas ne ne yere Rut woo Obed; Obed nso woo Yisai. 6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo. 7 Salomo woo Rehoboam; Rehoboam woo Abia; Abia woo Asa. 8 Asa woo Yehosafat; Yehosafat woo Yoram, Yoram nso woo Usia 9 Usia ba ne Yotam; Yotam ba ne Ahas: Ahas ba ne Hiskia. 10 Hiskia ba ne Manase, Manase ba ne Amon; Amon nso ba ne Yosia. 11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no. 12 Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel. 13 Serubabel woo Abihud; Abihud woo Eliakim; Eliakim nso woo Asor. 14 Asor ba ne Sadok; Sadok ba ne Akim; Akim ba ne Elihud. 15 Elihud ba ne Eleasa; Eleasa ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob; 16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo. 17 Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan. 18 Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam sɛ awarefoɔ no, ɔhunuu sɛ wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron. 19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ sɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam. 20 Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron. 21 Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu.” 22 Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma sɛ: 23 “Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel” a aseɛ ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” 24 Ɛberɛ a Yosef nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fie ma ɔbɛyɛɛ ne yere. 25 Yosef ne Maria anhyia da kɔsii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”

< Mateo 1 >