< Marko 8 >

1 Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ.
In diebus illis iterum cum turba multa esset, nec haberent quod manducarent: convocatis discipulis, ait illis:
2 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio.
Misereor super turbam: quia ecce iam triduo sustinent me, nec habent quod manducent:
3 Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.”
et si dimisero eos ieiunos in domum suam, deficient in via: quidam enim ex eis de longe venerunt.
4 Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?”
Et responderunt ei discipuli sui: unde illos quis poterit saturare panibus in solitudine?
5 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na mowɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.”
Et interrogavit eos: Quot panes habetis? Qui dixerunt: Septem.
6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no.
Et præcepit turbæ discumbere super terram. Et accipiens septem panes, gratias agens fregit, et dabat discipulis suis ut apponerent, et apposuerunt turbæ.
7 Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.
Et habebant pisciculos paucos: et ipsos benedixit, et iussit apponi.
8 Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan.
Et manducaverunt, et saturati sunt, et sustulerunt quod superaverat de fragmentis, septem sportas.
9 Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson.
Erant autem qui manducaverunt, quasi quattuor millia: et dimisit eos.
10 Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam.
Et statim ascendens navim cum discipulis suis, venit in partes Dalmanutha.
11 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.”
Et exierunt Pharisæi, et cœperunt conquirere cum eo, quærentes ab illo signum de cælo, tentantes eum.
12 Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.”
Et ingemiscens spiritu, ait: Quid generatio ista signum quærit? Amen dico vobis, si dabitur generationi isti signum.
13 Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.
Et dimittens eos, ascendit iterum navim, et abiit trans fretum.
14 Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ.
Et obliti sunt panes sumere: et nisi unum panem non habebant secum in navi.
15 Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho.”
Et præcipiebat eis, dicens: Videte, et cavete a fermento Pharisæorum, et fermento Herodis.
16 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm.
Et cogitabant ad alterutrum, dicentes: Quia panes non habemus.
17 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim?
Quo cognito, ait illis Iesus: Quid cogitatis, quia panes non habetis? nondum cognoscetis nec intelligitis? adhuc cæcatum habetis cor vestrum?
18 Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa?
oculos habentes non videtis? et aures habentes non auditis? Nec recordamini,
19 Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Dumienu.”
quando quinque panes fregi in quinque millia: quot cophinos fragmentorum plenos sustulistis? Dicunt ei: Duodecim.
20 “Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.”
Quando et septem panes in quattuor millia: quot sportas fragmentorum tulistis? Et dicunt ei: Septem.
21 Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?”
Et dicebat eis: Quomodo nondum intelligitis?
22 Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ.
Et veniunt Bethsaidam, et adducunt ei cæcum, et rogabant eum ut illum tangeret.
23 Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?”
Et apprehensa manu cæci, eduxit eum extra vicum: et expuens in oculos eius impositis manibus suis, interrogavit eum si quid videret.
24 Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”
Et aspiciens, ait: Video homines velut arbores ambulantes.
25 Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann.
Deinde iterum imposuit manus super oculos eius: et cœpit videre. et restitutus est ita ut clare videret omnia.
26 Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.”
Et misit illum in domum suam, dicens: Vade in domum tuam: et si in vicum introieris, nemini dixeris.
27 Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”
Et egressus est Iesus, et discipuli eius in castella Cæsareæ Philippi: et in via interrogabat discipulos suos, dicens eis: Quem me dicunt esse homines?
28 Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba.”
Qui responderunt illi, dicentes: Ioannem Baptistam, alii Eliam, alii vero quasi unum de prophetis.
29 Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.”
Tunc dicit illis: Vos vero quem me esse dicitis? Respondens Petrus, ait ei: Tu es Christus.
30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nkyerɛ obiara.
Et comminatus est eis, ne cui dicerent de illo.
31 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre.
Et cœpit docere eos quoniam oportet filium hominis pati multa, et reprobari a senioribus, et a summis sacerdotibus, et Scribis, et occidi: et post tres dies resurgere.
32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”
Et palam verbum loquebatur. Et apprehendens eum Petrus, cœpit increpare eum.
33 Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.”
Qui conversus, et videns discipulos suos, comminatus est Petro, dicens: Vade retro me satana, quoniam non sapis quæ Dei sunt, sed quæ sunt hominum.
34 Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi.
Et convocata turba cum discipulis suis, dixit eis: Si quis vult me sequi, deneget semetipsum: et tollat crucem suam, et sequatur me.
35 Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa.
Qui enim voluerit animam suam salvam facere, perdet eam: qui autem perdiderit animam suam propter me, et Evangelium, salvam faciet eam.
36 Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
Quid enim proderit homini, si lucretur mundum totum: et detrimentum animæ suæ faciat?
37 Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra?
Aut quid dabit homo commutationis pro anima sua?
38 Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.”
Qui enim me confusus fuerit, et verba mea in generatione ista adultera et peccatrice: et filius hominis confundetur eum, cum venerit in gloria patris sui cum angelis sanctis.

< Marko 8 >