< Luka 7 >

1 Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum. 2 Saa ɛberɛ no ara mu na Roma ɔsraani panin bi ɔsomfoɔ a ɔpɛ nʼasɛm yie yare dendeenden a ɔreyɛ awu. 3 Ɔsraani panin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ bi sɛ wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne ɔsomfoɔ no yadeɛ mma no. 4 Wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panin no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa pa. 5 Wɔkaa sɛ, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn ɔman na wasi hyiadan ama yɛn.” 6 Yesu ne wɔn siim. Wɔreyɛ aduru efie hɔ no, ɔsraani panin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu sɛ, “Awurade, nha wo ho, na mensɛ sɛ woba me fie. 7 Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me ɔsomfoɔ no ho bɛyɛ no den. 8 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafoɔ bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ, ‘Bra’ a, ɔba. Na mehyɛ me ɔsomfoɔ sɛ, ‘Yɛ yei’ a, ɔyɛ.” 9 Yesu tee asɛm yi no, ne ho dwirii no na ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nnipakuo a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Anokwa, Israelman mu nyinaa, menhunuu obiara a ɔwɔ gyidie sɛ saa ɔbarima yi da.” 10 Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane kɔduruu efie hɔ no, wɔhunuu sɛ ɔsomfoɔ no ho ayɛ no den. 11 Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ ne nnipakuo bi a wɔka ne ho no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu. 12 Wɔduruu kurotia no, ɔhunuu sɛ wɔrekɔsie obi. Na owufoɔ no yɛ ɔbaa kunafoɔ bi a ɔwɔ kuro no mu no ba barima korɔ. Na adɔfoɔ bebree di amu no akyi. 13 Na Awurade hunuu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su!” 14 Yesu kɔsɔɔ efunu adaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn dea no gyinaeɛ. Ɔka kyerɛɛ owufoɔ no sɛ. “Aberanteɛ, mese wo sɛ, nyane!” 15 Aberanteɛ no sɔre tenaa ase na ɔkasaeɛ. Afei, Yesu de no maa ne maame. 16 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn yie na wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Odiyifoɔ kɛseɛ bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asiane aba ne manfoɔ mu.” 17 Deɛ Yesu yɛeɛ yi ho asɛm trɛ kɔduruu Yudea ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu. 18 Yohane asuafoɔ kɔbɔɔ no deɛ asi no nyinaa ho amaneɛ. 19 Yohane somaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?” 20 Asuafoɔ no duruu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yohane Osubɔni asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?” 21 Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; ɔtuu ahonhommɔne na ɔmaa anifirafoɔ hunuu adeɛ. 22 Yesu buaa wɔn sɛ. “Monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ, mema anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, mesa akwatafoɔ yadeɛ, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafoɔ. 23 Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.” 24 Yohane asuafoɔ no firii Yesu nkyɛn kɔeɛ no, Yesu dii Yohane ho adanseɛ kyerɛɛ nnipakuo no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mohunuiɛ? Ɛserɛ a mframa rehim no anaa? 25 Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie? 26 Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ. 27 Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan, ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’ 28 Meka kyerɛ mo sɛ onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sene Yohane. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!” 29 Na wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa a ɔtogyefoɔ mpo ka ho bi gye too mu sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔteneneeni; na wɔsakyeraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. 30 Na Farisifoɔ ne Mmaranimfoɔ no deɛ, wɔpoo Onyankopɔn asɛm enti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu. 31 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na menka mfa nnɛmmafoɔ yi ho; na ɛdeɛn ho na memfa wɔn ntoto? 32 Wɔte sɛ mmɔfra bi a wɔregoro wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforɔ sɛ, “‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nanso moansa; Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’ 33 Yohane Osubɔni aba a ɔnnidi na ɔnnom nsã, nso mose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34 Onipa Ba no nso aba a ɔdidi na ɔnom a mose, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ 35 Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn ɔbra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.” 36 Farisini bi frɛɛ Yesu adidie ma ɔpenee so kɔeɛ. 37 Ɔte hɔ redidi no, ɔbaa bi a ɔbu ɔbra bɔne wɔ kuro no mu tee ne nka no, ɔde aduhwam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ. 38 Ɔkotoo Yesu nan ase suiɛ, maa ne nisuo no fɔɔ Yesu nan ase. Afei, ɔde ne tirinwi pepaa nisuo no, sɔɔ ne nan de aduhwam no sraa ho. 39 Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no hunuu deɛ ɔbaa no yɛeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifoɔ ampa ara a, anka ɔbɛhunu sɛ saa ɔbaa yi bu ɔbra bɔne.” 40 Yesu hunuu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon nso ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka ɛ.” 41 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare aha enum; ɛnna ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum. 42 Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no enti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hwan na wogye di sɛ ɔbɛpɛ osikani no asɛm yie?” 43 Simon buaa sɛ, “Megye di sɛ deɛ ɔde ne ka kɛseɛ kyɛɛ no no.” Yesu kaa sɛ, “Woabua no yie.” 44 Afei, Yesu danee nʼani kyerɛɛ ɔbaa no bisaa Simon sɛ, “Woahunu saa ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo anhohoro me nan ase; nanso saa ɔbaa yi de ne nisuo ahohoro me nan ase, asane de ne tirinwi apepa. 45 Mebaeɛ yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbaa yi bɛtoo me wɔ ha yi, ɔnnyaee me nan mu sɔ. 46 Woamfa ngo amfɔ me tirim; nanso ɔbaa yi de aduhwam a ɛsom bo asra me nan ase. 47 Yei enti mereka akyerɛ wo sɛ, deɛ ɔbaa yi ayɛ enti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, ɛfiri sɛ, wayi ɔdɔ kɛseɛ bi adi akyerɛ. Na deɛ wɔde ne bɔne a ɛsua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.” 48 Afei, Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.” 49 Wɔn a ɔne wɔn te adidiiɛ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔtumi de bɔne kyɛ?” 50 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wo gyidie agye wo nkwa. Fa asomdwoeɛ kɔ.”

< Luka 7 >