< Luka 6 >

1 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi hwane, weeɛ.
Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee.
2 Farisifoɔ bi bisaa no sɛ, “Adɛn na moyɛ adeɛ a ɛtia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”
Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”
3 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛɛ ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Atwerɛsɛm no mu anaa?
Yesu buaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛɛ bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu ana?
4 Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfoɔ nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso diiɛ.”
Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfo nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.”
5 Yesu kaa sɛ, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”
Yesu kae se, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”
6 Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi.
Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi.
7 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no.
Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no.
8 Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ.
Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ.
9 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merebisa mo. Ɛdeɛn na mmara no ma ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yɛbɛgye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Merebisa mo. Dɛn na mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”
10 Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiaeɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa.” Na ɔtenee ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no.
Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛɛ ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no.
11 Deɛ Yesu yɛeɛ yi hyɛɛ nnipa no abufuo yie ma wɔfirii aseɛ bɔɔ ne ho pɔ.
Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw.
12 Ɛda bi a Yesu kɔɔ bepɔ bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpaeɛ. Ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mu no nyinaa
Da bi a Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae no ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa
13 Adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ nʼakyidifoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔyii wɔn mu dumienu. Saa dumienu yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ.
Ade kyee no ɔfrɛɛ nʼakyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔpaw wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo.
14 Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua; Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo,
Wɔn din na edidi so yi: Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua; Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo,
15 Mateo, Toma, Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba; Simon, a wɔfrɛ no Selote;
Mateo, Toma, Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba; Simon, a wɔfrɛ no Selote;
16 Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba; ne Yuda Iskariot a ɔyii Yesu maeɛ no.
Yuda a ɔyɛ Yakobo ba; ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no.
17 Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ.
Yesu fii bepɔw no so sian baa fam maa nʼakyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae.
18 Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree.
Wɔbae sɛ wɔrebetie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Otuu ahonhommɔne bebree.
19 Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefoɔ a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.
Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefo a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.
20 Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ, na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea!
Afei ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo, na mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea!
21 Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ, na mo na wɔbɛma mo ani agye.
Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahow, na mo na wɔbɛma mo ani agye.
22 Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔya mo, na wɔgu mo din ho fi.
Nhyira ne mo a me din nti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔyaw mo, na wogu mo din ho fi.
23 “Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no.
“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no.
24 “Na mo adefoɔ deɛ, monnue ɛfiri sɛ, deɛ ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dada; yei enti, monni kyɛfa biara bio.
“Na mo adefo de, munnue efisɛ nea ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio.
25 Monnue, mo a moamee seesei, na mo na ɛkɔm bɛde mo! Monnue, mo a moresere seesei, na mo na mobɛsi apinie, asu.
Munnue, mo a moamee mprempren, na mo na ɔkɔm bɛde mo! Munnue, mo a moreserew mprempren, na mo na mubesi apini asu.
26 Monnue, mo a nnipa kamfo mo, ɛfiri sɛ, saa ara na wɔn nananom kamfoo atorɔ adiyifoɔ no.”
Munnue, mo a nnipa kamfo mo, efisɛ saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.”
27 “Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa sɛ, monnɔ mo atamfoɔ; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa.
“Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa.
28 Monhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo.
Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo.
29 Sɛ obi bɔ wʼasom a, dane baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntoma a, worɔ wʼatadeɛ ka ho.
Sɛ obi bɔ wʼasom a, dan baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntama a, worɔw wʼatade ka ho.
30 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼadeɛ a, mmisa no bio.
Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼade a, mmisa no bio.
31 Na deɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.
Na nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.
32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? ‘Nnebɔneyɛfoɔ’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no.
“Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya? ‘Nnebɔneyɛfo’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no.
33 Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yie a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? Nnebɔneyɛfoɔ mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yie.
Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yiye a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yiye.
34 Na sɛ mobɔ wɔn a mosusu sɛ wɔbɛtumi atua mo nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfoɔ nso bobɔ bobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio.
Na sɛ mobɔ wɔn a mususuw sɛ wobetumi atua no nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfo nso bobɔbobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio.
35 Monnɔ mo atamfoɔ. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn deɛ ɛhia wɔn a, mo ani nni akyire bio. Na sɛ moyɛ yeinom a, mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfoɔ adɔeɛ, na ɔdom bonniayɛfoɔ nso.
Monnɔ mo atamfo. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn nea ehia wɔn a, mo ani nni akyi bio. Na sɛ moyɛ eyinom a mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; efisɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfo adɔe, na ɔdom bonniayɛfo nso.
36 Monyɛ mmɔborɔhunufoɔ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufoɔ no.
Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufo no.
37 “Mommmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.
“Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.
38 Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo ananmu. Deɛ mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ɛbɛsusu ama mo. Susudua a mode bɛsusu ama no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”
Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo anan mu. Nea mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ebesusuw ama mo. Susudua a mode besusuw ama no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”
39 Yesu nam abɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani ɛkwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.
Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn bio se, “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yiye ana? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.
40 Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, sɛ ɔyere ne ho sua deɛ wɔrekyerɛ no no yie a ɔbɛsɛ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ.
Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a ɔbɛsɛ ne wura no.
41 “Adɛn enti na woma aboseaa a ɛgu wo nua ani so ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ da wo deɛ so?
“Adɛn nti na wohwɛ dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?
42 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi anwea a ɛgu wʼani so no mma wo’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ a ɛda wʼani so no wonhunu. Nyaatwomni, di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ayi anwea a ɛgu wo nua ani so no ama no.
Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw dua ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ bere a mpuran a ɛda wʼani so no mfa wo ho. Nyaatwom, di kan yi mpuran a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahuw ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no ama no.
43 “Dua pa nso aba bɔne, na dua bɔne nso nso aba pa.
“Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa.
44 Dua biara aba na wɔnam so hunu dua ko a ɛyɛ. Worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. Saa ara na worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so.
Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew borɔdɔma mfi nware so.
45 Onipa pa firi nnepa a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso firi ne nnebɔne a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade bɔne. Deɛ ahyɛ onipa akoma ma no, na ɛpue firi nʼano.
Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi nʼano.
46 “Adɛn enti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso monni mʼasɛm so?
“Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso munni mʼasɛm so?
47 Merekyerɛ mo sɛdeɛ onipa biara a ɔba me nkyɛn, na ɔtie mʼasɛm di so no teɛ.
Merekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie mʼasɛm di so no te.
48 Ɔte sɛ obi a na ɔresi ɛdan na ɔtwaa ne ɛdan no fapem ma ɛsii ɔbotan so. Na osuo tɔeɛ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa ɛdan no ase nanso ammu, ɛfiri sɛ, ɔsi sii ɔbotan so.
Ɔte sɛ obi a na ɔresi dan na ɔtoo ne dan no fapem ma esii ɔbotan so. Na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ɔdan no ase nanso ammu, efisɛ osi sii ɔbotan so.
49 Na deɛ ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, ɔte sɛ obi a ɔresi ɛdan, na ɔsii ɛdan no sii anwea so, na osuo tɔ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa aseɛ ma ɛdwiriiɛ.”
Na nea ɔte mʼasɛm na onni so no te sɛ obi a ɔresi dan, na osii dan no sii nwea so, na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ase ma edwiriw sɛee pasaa.”

< Luka 6 >