< Kwadwom 2 >

1 Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkum akata Ɔbabaa Sion so nie? Wato Israel animuonyam firi soro abɛhwe fam; wankae ne nan ntiasoɔ wɔ nʼabufuo da no.
How has the LORD covered the daughter of Zion with a cloud in his anger, and cast down from heaven unto the earth the beauty of Israel, and remembered not his footstool in the day of his anger!
2 Awurade annya ahummɔborɔ na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa; nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam. Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma ho fi.
The LORD has swallowed up all the habitations of Jacob, and has not pitied: he has thrown down in his wrath the strong holds of the daughter of Judah; he has brought them down to the ground: he has polluted the kingdom and the princes thereof.
3 Ɔde abufuhyeɛ atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne banbɔ wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.
He has cut off in his fierce anger all the horn of Israel: he has drawn back his right hand from before the enemy, and he burned against Jacob like a flaming fire, which devours round about.
4 Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ; ne nsa nifa ayɛ krado. Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa; wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.
He has bent his bow like an enemy: he stood with his right hand as an adversary, and slew all that were pleasant to the eye in the tabernacle of the daughter of Zion: he poured out his fury like fire.
5 Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel. Wamene nʼahemfie nyinaa asɛe nʼabandenden. Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Ɔbabaa.
The LORD was as an enemy: he has swallowed up Israel, he has swallowed up all her palaces: he has destroyed his strong holds, and has increased in the daughter of Judah mourning and lamentation.
6 Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo; wasɛe ne dwabirem. Awurade ama Sion werɛ afiri nʼafahyɛ ne home nna; wɔ nʼabufuhyeɛ mu no wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.
And he has violently taken away his tabernacle, as if it were of a garden: he has destroyed his places of the assembly: the LORD has caused the solemn feasts and sabbaths to be forgotten in Zion, and has despised in the indignation of his anger the king and the priest.
7 Awurade apo nʼafɔrebukyia na wagyae ne kronkronbea mu. Ɔde nʼahemfie afasuo ahyɛ nʼatamfoɔ nsa. Wɔteam wɔ Awurade efie te sɛ afahyɛ da.
The LORD has cast off his altar, he has abhorred his sanctuary, he has given up into the hand of the enemy the walls of her palaces; they have made a noise in the house of the LORD, as in the day of a solemn feast.
8 Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhoma too ho na wannyae ɔsɛeɛ no. Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo; wɔn nyinaa sɛeɛ.
The LORD has purposed to destroy the wall of the daughter of Zion: he has stretched out a line, he has not withdrawn his hand from destroying: therefore he made the rampart and the wall to lament; they languished together.
9 Nʼapono amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a ɛfiri Awurade hɔ bio.
Her gates are sunk into the ground; he has destroyed and broken her bars: her king and her princes are among the Gentiles: the law is no more; her prophets also find no vision from the LORD.
10 Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ tete fam ayɛ komm; wɔde mfuturo agu wɔn tirim afirafira ayitoma. Yerusalem mmabaawa asisi wɔn tiri ase.
The elders of the daughter of Zion sit upon the ground, and keep silence: they have cast up dust upon their heads; they have girded themselves with sackcloth: the virgins of Jerusalem hang down their heads to the ground.
11 Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ, me yafunu mu retwa me, mʼakoma rete atɔ fam, ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti wɔ kuropɔn no mmɔntene so.
Mine eyes do fail with tears, my bowels are troubled, my liver is poured upon the earth, for the destruction of the daughter of my people; because the children and the infants swoon in the streets of the city.
12 Wɔbisa wɔn maamenom sɛ, “Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?” Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ wɔ kuropɔn no mmɔntene so, ɛberɛ a wɔn nkwa resa wɔ wɔn maamenom abasa so.
They say to their mothers, Where is corn and wine? when they swooned as the wounded in the streets of the city, when their soul was poured out into their mothers' bosom.
13 Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ? Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto, Ao, Yerusalem Ɔbabaa? Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ, de akyekyere wo werɛ, Ao, Sion Ɔbabaa Bunu? Wʼapirakuro so sɛ ɛpo. Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ?
What thing shall I take to witness for you? what thing shall I liken to you, O daughter of Jerusalem? what shall I equal to you, that I may comfort you, O virgin daughter of Zion? for your breach is great like the sea: who can heal you?
14 Wʼadiyifoɔ anisoadehunu yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ; wɔanna mo amumuyɛ adi ansi mo nnommumfa ano. Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no yɛ atorɔ ne nnaadaa.
Your prophets have seen vain and foolish things for you: and they have not discovered your iniquity, to turn away your captivity; but have seen for you false burdens and causes of banishment.
15 Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ, “Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no ahoɔfɛ a ɛdi mu no? Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?”
All that pass by clap their hands at you; they hiss and shake their head at the daughter of Jerusalem, saying, Is this the city that men call The perfection of beauty, The joy of the whole earth?
16 Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom kakraa tia wo; wɔsere na wɔtwɛre wɔn se na wɔka sɛ, “Yɛamene no. Ɛda a na yɛretwɛn no nie; Yɛatena ase ahunu.”
all of your enemies have opened their mouth against you: they hiss and gnash the teeth: they say, We have swallowed her up: certainly this is the day that we looked for; we have found, we have seen it.
17 Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ dadaada no aba mu. Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ, wama ɔtamfoɔ no ani agye wama wʼatamfoɔ no mmɛn so.
The LORD has done that which he had devised; he has fulfilled his word that he had commanded in the days of old: he has thrown down, and has not pitied: and he has caused your enemy to rejoice over you, he has set up the horn of your adversaries.
18 Nnipa no akoma su frɛ Awurade. Ao, Sion Ɔbabaa fasuo, ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten awia ne anadwo; nnye wʼahome mma wʼani nso nnya ahomeɛ.
Their heart cried unto the LORD, O wall of the daughter of Zion, let tears run down like a river day and night: give yourself no rest; let not the apple of your eye cease.
19 Sɔre, su denden anadwo ɔdasuom mfitiaseɛ; hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa enti, wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha wɔ mmɔntene so.
Arise, cry out in the night: in the beginning of the watches pour out your heart like water before the face of the LORD: lift up your hands toward him for the life of your young children, that faint for hunger in the top of every street.
20 “Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade: Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn? Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa, mma a wɔahwɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ wɔ Awurade kronkronbea anaa?
Behold, O LORD, and consider to whom you have done this. Shall the women eat their fruit, and children of a span long? shall the priest and the prophet be slain in the sanctuary of the Lord?
21 “Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu mfuturo mu wɔ mmɔntene so, me mmeranteɛ ne mmabaawa atotɔ wɔ akofena ano. Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da; wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.
The young and the old lie on the ground in the streets: my virgins and my young men are fallen by the sword; you have slain them in the day of your anger; you have killed, and not pitied.
22 “Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no, saa ara na wofrɛfrɛɛ amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me. Awurade abufuo da no, obiara annwane na obiara anka: wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no, me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.”
You have called as in a solemn day my terrors round about, so that in the day of the LORD's anger none escaped nor remained: those that I have swaddled and brought up has mine enemy consumed.

< Kwadwom 2 >