< Atemmufoɔ 7 >

1 Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem wɔ atifi fam wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no. 2 Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii hɔ. 3 Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’” Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛko. 4 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.” 5 Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.” 6 Mmarima no mu ahasa pɛ na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu. 7 Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.” 8 Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ. 9 Anadwo no, Awurade kaa sɛ, “Sɔre! Kɔ Midianfoɔ no atenaeɛ no mu wɔ aseɛ hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim! 10 Na sɛ wosuro sɛ wobɛkoto ahyɛ wɔn so a, wo ne wo ɔsomfoɔ Pura nkɔ hɔ. 11 Tie deɛ Midianfoɔ no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woato ahyɛ wɔn so.” Enti, Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfoɔ no atenaeɛ no mfikyire. 12 Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te sɛ ntutummɛ wɔ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo! 13 Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!” 14 Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.” 15 Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.” 16 Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn. 17 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi. 18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam sɛ, ‘Yɛko ma Awurade ne Gideon.’” 19 Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. 20 Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “Awurade akofena yɛ Gideon akofena!” 21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane. 22 Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ hɔ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so. 23 Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no. 24 Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa sɛ “Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn wɔ Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.” Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. 25 Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wɔkumm Oreb wɔ Oreb botan so ɛnna wɔkumm Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamena ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no. Akyire no, Israelfoɔ no de Oreb ne Seeb tiri no brɛɛ Gideon a na saa ɛberɛ no ɔwɔ Yordan ho no.

< Atemmufoɔ 7 >