< Yosua 3 >

1 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa tu firii Sitim kɔduruu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.
igitur Iosue de nocte consurgens movit castra egredientesque de Setthim venerunt ad Iordanem ipse et omnes filii Israhel et morati sunt ibi per tres dies
2 Nnansa akyi no, Israelfoɔ ntuanofoɔ no faa atenaeɛ hɔ nyinaa
quibus evolutis transierunt praecones per castrorum medium
3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Awurade, mo Onyankopɔn Apam Adaka no a, monni wɔn akyi.
et clamare coeperunt quando videritis arcam foederis Domini Dei vestri et sacerdotes stirpis leviticae portantes eam vos quoque consurgite et sequimini praecedentes
4 Esiane sɛ momfaa ha da no enti, wɔbɛkyerɛ mo ɛkwan. Momma akwansini fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.”
sitque inter vos et arcam spatium cubitorum duum milium ut procul videre possitis et nosse per quam viam ingrediamini quia prius non ambulastis per eam et cavete ne adpropinquetis ad arcam
5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monnwira mo ho, ɛfiri sɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu.”
dixitque Iosue ad populum sanctificamini cras enim faciet Dominus inter vos mirabilia
6 Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mompagya Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno enti wɔsiim.
et ait ad sacerdotes tollite arcam foederis et praecedite populum qui iussa conplentes tulerunt et ambulaverunt ante eos
7 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ, mɛhyɛ aseɛ ayɛ wo kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahunu sɛ, meka wo ho sɛdeɛ na meka Mose ho no.
dixitque Dominus ad Iosue hodie incipiam exaltare te coram omni Israhel ut sciant quod sicut cum Mosi fui ita et tecum sim
8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ moduru Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnante nkɔ nsuo no mu kakra na monnyina.’”
tu autem praecipe sacerdotibus qui portant arcam foederis et dic eis cum ingressi fueritis partem aquae Iordanis state in ea
9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Mommra mmɛtie asɛm a Awurade, mo Onyankopɔn aka.
dixitque Iosue ad filios Israhel accedite huc et audite verba Domini Dei vestri
10 Ɛnnɛ mobɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Hewifoɔ, Perisifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ ne Yebusifoɔ.
et rursum in hoc inquit scietis quod Dominus Deus vivens in medio vestri est et disperdat in conspectu vestro Chananeum Hettheum Eveum et Ferezeum Gergeseum quoque et Amorreum et Iebuseum
11 Monnwene ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne dea no bɛdi mo anim de mo atware Asubɔnten Yordan.
ecce arca foederis Domini omnis terrae antecedet vos per Iordanem
12 Afei, monyiyi nnipa dumienu a ɔbaako biara firi mmusuakuo dumienu no mu.
parate duodecim viros de tribubus Israhel singulos per singulas tribus
13 Asɔfoɔ no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si nsuo no mu ara pɛ, asuo no bɛtwa afiri atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”
et cum posuerint vestigia pedum suorum sacerdotes qui portant arcam Domini Dei universae terrae in aquis Iordanis aquae quae inferiores sunt decurrent atque deficient quae autem desuper veniunt in una mole consistent
14 Ɛberɛ a nnipa no sɔree sɛ wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim.
igitur egressus est populus de tabernaculis suis ut transirent Iordanem et sacerdotes qui portabant arcam foederis pergebant ante eum
15 Na ɛyɛ otwaberɛ mu enti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfoɔ a wɔso Adaka no nan sii asuo no ano pɛ,
ingressisque eis Iordanem et pedibus eorum tinctis in parte aquae cum Iordanis autem ripas alvei sui tempore messis impleret
16 asuo no ano hyɛɛ aseɛ boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na asuo a ɛwɔ anafoɔ no nso tene kɔguu Nkyene Ɛpo no mu kɔsii sɛ asuo no subɔnhwa no weeɛ. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no.
steterunt aquae descendentes in uno loco et instar montis intumescentes apparebant procul ab urbe quae vocatur Adom usque ad locum Sarthan quae autem inferiores erant in mare Solitudinis quod nunc vocatur Mortuum descenderunt usquequo omnino deficerent
17 Saa ɛberɛ no mu, asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subɔnhwa no mfimfini ma nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛnee wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.
populus autem incedebat contra Iordanem et sacerdotes qui portabant arcam foederis Domini stabant super siccam humum in medio Iordanis accincti omnisque populus per arentem alveum transiebat

< Yosua 3 >