< Yosua 21 >

1 Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn. 2 Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkuro na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwie.” 3 Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔde nkuro a ɛdidi soɔ yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ. 4 Aaron asefoɔ a na wɔyɛ Kohat abusua mma, na wɔfra Lewi abusuakuo mu no nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuo no dea. 5 Afie a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurotoɔ edu firii Efraim ne Dan mmusuakuo no ne Manase abusuakuo fa no nsase mu. 6 Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuo fa no wɔ Basan. 7 Merari abusua no nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuo no nkyɛn. 8 Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ. 9 Israelfoɔ no de saa nkuro a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuo no dea no 10 maa Aaron asefoɔ a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuo ho no, ɛfiri sɛ, ntonto kronkron a ɛdi ɛkan no bɔɔ wɔn. 11 Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) 12 Nanso, nsase ne nkuraaseɛ a atwa kuro no ho ahyia no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. 13 Nkuro a ɛdidi soɔ yi ne wɔn adidibea no, wɔde maa ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ: Hebron, (dwanekɔbea Kuropɔn), Libna, 14 Yatir, Estemoa, 15 Holon, Debir, 16 Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurotoɔ nkron a wɔnya firii saa mmusuakuo mmienu yi nkyɛn. 17 Wɔfiri Benyamin abusuakuo mu de saa nkuro yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfoɔ: Gibeon, Geba, 18 Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan. 19 Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no. 20 Kohat abusua nkaeɛfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nso, wɔde saa nkuro yi ne adidibea a ɛfiri Efraim abusua nkyɛn maa wɔn: 21 Sekem, (dwanekɔbea kuropɔn), Geser. 22 Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan. 23 Saa nkuro ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu: Elteke ne Gibeton, 24 Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan. 25 Manase abusuakuo fa no de saa nkuro ne wɔn adidibea maa asɔfoɔ no: Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ mmienu. 26 Enti, nkuro edu ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkaeɛ no. 27 Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuo no fa bi no nso, wɔnyaa nkuro mmienu ne wɔn adidibea firii Manase abusua fa no nkyɛn. Nkuro no ne Golan a ɛwɔ Basan (dwanekɔbea kuropɔn) ne Beestra. 28 Isakar abusuakuo no nso maa wɔn: Kision, Daberat, 29 Yarmut ne En-Ganim, nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho. 30 Aser abusuakuo no maa Misal, Abdon, 31 Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho. 32 Naftali abusuakuo no maa wɔn Kedes a ɛwɔ Galilea (dwanekɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkuro mmiɛnsa ne wɔn adidibea. 33 Enti, nkuro dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no. 34 Lewifoɔ nkaeɛ a wɔyɛ Merari abusua no nso, wɔnyaa saa nkuro yi a ɛfiri Sebulon abusuakuo nkyɛn: Yokneam, Karta, 35 Dimna ne Nahalal—nkurotoɔ ɛnan ne ɛho adidibea. 36 Ruben abusuakuo no nso maa wɔn Beser, Yahas, 37 Kedemot ne Mefaat—nkurotoɔ ɛnan ne wɔn adidibea. 38 Gad abusuakuo no maa wɔn Ramot a ɛwɔ Gilead (dwanekɔbea kuropɔn), Mahanaim, 39 Hesbon ne Yaser, nkurotoɔ ɛnan ne ho adidibea. 40 Enti, nkurotoɔ dumienu na wɔde maa Merari abusua. 41 Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe. 42 Na kuro biara wɔ adidibea da ho. 43 Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ. 44 Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim. 45 Bɔhyɛ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu.

< Yosua 21 >