< Yosua 11 >

1 Ɛberɛ a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wɔdidi so yi nkra dendeenden: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene;
When Jabin, king of Hazor, heard about what happened, he sent a message to Jobab, king of Madon, to the kings of Shimron and Achshaph,
2 ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bɔnhwa a ɛda Galilea anafoɔ fam; ahemfo a wɔwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔeɛ fam;
and to the kings of the northern hill country, the Jordan Valley south of Kinnereth, the western foothills, and the foothills of Dor to the west,
3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so.
to the kings of the Canaanites, both east and west, the Amorites, the Hittites, the Perizzites, the Jebusites in the hill country, and the Hivites living near Mount Hermon in the land of Mizpah.
4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn akodɔm no nyinaa, apɔnkɔ dodoɔ ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano anwea.
All their armies assembled together, a vast horde as numberless as the sand of the seashore, together with many, many horses and chariots.
5 Wɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ asuo a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.
All these kings joined forces and set up camp beside the waters of Merom to fight against Israel.
6 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hye wɔn nteaseɛnam no.”
The Lord said to Joshua, “Don't be afraid because of them, for by this time tomorrow I myself will hand them all over to Israel, dead. Cripple their horses and burn their chariots.”
7 Na Yosua ne nʼakodɔm kɔɔ Merom asuo no ho kɔto hyɛɛ wɔn so mpofirim.
Joshua and the Israelite army went and attacked them without warning at the waters of Merom.
8 Na Awurade ma wɔdii wɔn atamfoɔ no so nkonim. Israelfoɔ no taa wɔn ara kɔsii Sidon Kɛseɛ ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bɔnhwa no mu wɔ apueeɛ fam, kɔsii sɛ atamfoɔ no akofoɔ baako mpo anka.
The Lord handed them over to the Israelites who cut them down and chased them as far as Greater Sidon and Misrephoth Maim, and east to the valley of Mizpah, killing them until none were left.
9 Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no nan, sane hyee nteaseɛnam no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.
Afterwards Joshua did what the Lord had ordered: he crippled the horses and burned the chariots.
10 Yosua sane nʼakyi bɛgyee Hasor kuro no faeɛ, kumm ɛhɔ ɔhene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.)
Then Joshua turned on Hazor. He captured it and killed its king, for Hazor was at that time the chief of all these kingdoms.
11 Israelfoɔ no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu ogya.
Joshua had all the inhabitants killed, leaving no survivors. He set it apart and completely destroyed it—no one was left alive. Then he burned down Hazor.
12 Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ.
Joshua captured all these towns and killed their kings. He set them apart and completely destroyed them, as Moses the servant of the Lord had ordered.
13 Mmom, Yosua anhye kuropɔn biara a ɛsi esie so gye Hasor.
However, Israel did not burn any of the towns built on mounds, except Hazor, which Joshua did burn.
14 Na Israelfoɔ no faa asadeɛ ne anantwie a wɔwɔ nkuro mmubuiɛ no mu nanso wɔkumm emu nnipa no nyinaa.
The Israelites did take for themselves all the plunder and livestock from these towns. But they killed all the inhabitants, destroying them all so none were left alive.
15 Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ no no, dii deɛ Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.
As the Lord had instructed Moses, so Moses had instructed Joshua. Joshua did what he had been told—he did everything that the Lord had instructed Moses.
16 Enti, Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔ ɔman, Negeb, Gosen asase, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, Israel mmepɔ ne nsase tata faeɛ.
So Joshua conquered the whole land—the hill country, the Negev, all the land of Goshen, the western foothills, the Jordan Valley, the mountains of Israel, and the eastern foothills.
17 Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ deɛ ɛfiri Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir wɔ atifi fam toaso kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔ Hermon ase wɔ Lebanon bɔnhwa mu. Yosua kunkumm nsase no so ahemfo nyinaa,
This covered land from Mount Halak leading to Seir in the south, right up to Baal Gad in the north, below Mount Hermon in the valley of Lebanon. Joshua captured and killed all their kings.
18 wɔ mmerɛ tenten akokoakoko mu.
Joshua fought a long war with all these kings.
19 Kuro biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam gye sɛ Hewifoɔ a wɔte Gibeon no. Wɔdii wɔn a aka no nyinaa so nkonim.
Not a single town made peace with the Israelites except the Hivites, the inhabitants of Gibeon. All the rest were conquered in battle.
20 Awurade pirim wɔn akoma ma wɔko tiaa Israelfoɔ wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔborɔ biara nni mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
For the Lord made them stubborn, wanting to fight the Israelites so that they might be set apart and completely destroyed, wiped out without mercy, as the Lord had instructed Moses.
21 Saa ɛberɛ no mu, Yosua tɔree Anak asefoɔ a na wɔte bepɔ nkuro Hebron, Debir, Anab ne bepɔman Yuda ne Israel nyinaa ase. Ɔkumm wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkuro no pasaa.
During this time Joshua also annihilated the descendants of Anak living in the hill country of Hebron, Debir, and Anab, and all the hill country of Judah and Israel. Joshua set apart and completely destroyed their towns,
22 Wɔn mu fua koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.
and there were no descendants of Anak left in the land of Israel, only some in Gaza, Gath, and Ashdod.
23 Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuo no. Enti awieeɛ no asase no so dwoeɛ.
So Joshua took the entire land in accordance with what the Lord had instructed Moses, giving it to Israel to own as it was divided up among the tribes. Then the land was at peace.

< Yosua 11 >